Na afei Petro bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne ho mmienu ayɔ ho adwene sɛ ho bɛsɔ Nyankopɔn Honhom ahwɛ yi? Hwɛ, bɛ a bekosiee wo kunu he anammɔno ne ya pono ano he, saa ne bɛbɛsoa wo nso akɔ.”
Na Farisifoɔ he mu atwerɛfoɔ he huu sɛ ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ oodidi he, bebisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ɔne atogyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ didi yi?”
Na afei berɛ a Yesu wuraa asɔredane mu hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu mpanyimfoɔ baa ne nkyɛne, berɛ a ɔɔkyerɛkyerɛ he. Na bebisaa no sɛ, “Mmɛ tumi ne wode yɔ saa nnoɔma yi, na hwane ne maa wo saa tumi yi?”