Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 7:34 - Apam Foforɔ

34 Na ɔhwɛɛ soro, guu ahome na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Effata!” Asekyerɛ ne sɛ, “Ma no mmie.”

Gade chapit la Kopi




Marko 7:34
21 Referans Kwoze  

Nti beyii boɔ he hɔ. Na Yesu hwɛɛ soro, na ɔkaa sɛ, “Agya, meda wo ase sɛ woatie me.


Na ɔfaa paanoo num ne nkyenam mmienu he, ɔhwɛɛ soro, na ohyiraa so wieeɛ he obubuu paanoo he mu de maa n’asuafoɔ he sɛ bɛmfa mma nkurofoɔ he, na ɔkyɛɛ nkyenam mmienu he maa bɛ nyinaa.


Ɔsɔɔ ne nsa ka kyerɛɛ no sɛ, “Talita kumm,” a ɔkyerɛ sɛ, “Abaayaa kumaa, sɔre!”


Na Petro ka kyerɛ no sɛ, “Aenia, Yesu Kristo asa wo yadeɛ. Sɔre na woaa sɛ wo kɛtɛ.” Na ntɛmaa ɔsɔreeɛ.


Yesu huu sɛ oosu he, na Yudafoɔ a bɛ ne no baeɛ nso beesu he, osii apinie ya ne honhom mu na ne ho nso yera no.


Nnɔn mmeɛnsa duruiɛ he, Yesu de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Asekyerɛ ne, “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, mmɛ nti ne woapo me?”


Na oguu ahome ne honhom mu bisaa sɛ, “Mmɛ nti ne nneemmafoɔ bisa nsɛnkyerɛnne? Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, bɛmmfa nsɛnkyerɛnne biaa mma nneemmafoɔ.”


Na Petro maa biaa pie kɔɔ abɔntene, na obuu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ, na ɔdanee ne ho hwɛɛ amu he kaa sɛ, “Tabita, sɔre!” Obiee n’ani, na n’ani bɔɔ Petro so he, ɔsɔre tenaa ase.


Ɔkaa saa he, ɔde nne kɛseɛ teaam sɛ, “Lasaro, firi bra!”


efiri sɛ, sɔfopanyini a yɛwɔ he ɔnyɛ nea onni tema mma yɛ ya yɛ mmerɛyɛ mu, na ɔyɛ nea bɛasɔ no ahwɛ akwane nyinaa mu sɛ yɛ, na ne nyinaa mu he wannyɔ bɔne da.


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


Afei Yesu a na oosi apinie bio he, baa nna he so. Na ɔyɛ abodane, na boɔ twere ano.


Na ɔbɛne hɔ he, ɔhwɛɛ kuro he suiɛ


Nti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hu adeɛ; wo gyidie agye wo.”


Afei ɔbɛnee funnaka he de ne nsa kɔsɔɔ mu, na bɛ a bekitakita mu he gyinaeɛ, na ɔkaa sɛ, “Abeemaa, meeka akyerɛ wo sɛ, sɔre!”


Na Yesu nyaa tema maa no, na ɔtenee ne nsa kaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mepɛ, wo ho mfiri.”


Na amonom hɔaa n’aso bieeɛ, na ne kɛtrɛma mu nso goeɛ, na ɔkasaa kama.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite