23 Saa nnoɔma bɔne yi nyinaa firi nipa mu, na yeinom gu ne ho fi.”
Adeɛ biaa nni hɔ a ɔkɔ nipa mu a otumi gu ne ho fi; ɔyɛ deɛ ofiri nipa mu ba mmom ne tumi gu ne ho fi.”
Nipa ɔtene he nnoɔma nyinaa ho te ma no, nso deɛ ɔntene na ɔnnye nni he deɛ, bibiaa ho nte mma no na mmom n’adwene ne n’ahonim nyinaa ho agu fi.
Sɛ bi sɛe Nyankopɔn asɔredane a, Nyankopɔn bɛsɛe saa nipa he nso, efiri sɛ Nyankopɔn asɔredane yɛ kronkron, na hoaa ne saa asɔredane he.
Saa nnipa he nam saa kwane korɔ heaa so sosoo daeɛ ma bɛyɔɔ bɔne tiaa bɛ nipadua. Bemmu tumidie, na bɛkasa tiaa animuonyamfoɔ.
Na obisaa bɛ sɛ, “Ho nso honte aseɛ? Nti honnim sɛ adeɛ biaa nni hɔ a ɔkɔ nipa mu a otumi gu ne ho fi?
Na ɔkaa sɛ, “Nea ofiri nipa bi mu pie ne gu ne ho fi.
awaresɛeɛ, aniberebereɛ, amumuyɔ, nnaadaa, honam akɔnnɔ, ahoɔyea, abususɛnka, ahomasoɔ, nkwaseasɛm.
Yesu firii hɔ he, osiim kɔɔ Tiro. Ɔkɔɔ fie bi mu, na wampɛ sɛ biaa behu sɛ ɔya hɔ. Nso wantumi amfa ne ho ansie.