Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 6:6 - Apam Foforɔ

6 Na ɔyɛɛ no nwanwa sɛ bɛannye anni. Na okyinkyini nkuraase kyerɛkyerɛeɛ.

Gade chapit la Kopi




Marko 6:6
12 Referans Kwoze  

Afei Yesu kyinkyinii nkuro ne nkuraa nyinaa ase, kyerɛkyerɛ bɛ hyiadane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa he, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


Na Yesu tee deɛ ɔkaeɛ he, ne ho dwirii no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a bedi n’akyi he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, menhu biaa Israel mu a ɔwɔ gyidie sei.


Na Yesu tutuu akwane kɔɔ nkuro mu ne nkuraa ase kyerɛkyerɛeɛ na ɔtoaa n’akwantuo he so kɔɔ Yerusalem.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Beema he buaa sɛ, “Yei ne ɔnwanwa he, sɛ honnim faako a ofiri, nso wabie m’ani.


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Nti ɔtoaa so kaa asɛm Yudea hyia adane mu.


Afei Yesu kɔɔ Kapernaum, Galilea kuro bi mu. Na homeda duruiɛ he, ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ;


Na ɔkɔɔ Galilea nyinaa kɔkaa asɛmpa he ya bɛ hyiadane ahodoɔ mu, na otutuu ahonhommɔne.


Afei Yesu firii saa bea hɔ kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi. Na nnipadɔm pii betwaa ne ho hyiaa bio; na sɛdeɛ na ɔtaa yɔ he, ɔkyerɛkyerɛeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite