Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 6:34 - Apam Foforɔ

34 Ɔɔkɔ po he ano he, ohuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na onyaa tema maa bɛ, efiri sɛ, ná bɛte sɛ nwane a benni hwɛfoɔ, na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree.

Gade chapit la Kopi




Marko 6:34
19 Referans Kwoze  

Berɛ a ohuu nnipadɔm he, ohuu bɛ mmɔbɔ, efiri sɛ na bɛɛteetee a na bɛabrɛ nso, na begu hɔ sɛ nwane a benni hwɛfoɔ.


Nso berɛ a nnipadɔm he huiɛ he, bedii n’akyi. Na ɔgyee bɛ fɛ so firii aseɛ kaa Nyankopɔn ahennie he ho asɛm kyerɛɛ bɛ, na ɔsaa bɛ a bɛyare he yadeɛ.


efiri sɛ, sɔfopanyini a yɛwɔ he ɔnyɛ nea onni tema mma yɛ ya yɛ mmerɛyɛ mu, na ɔyɛ nea bɛasɔ no ahwɛ akwane nyinaa mu sɛ yɛ, na ne nyinaa mu he wannyɔ bɔne da.


Na osii fam he, ohuu nkurofoɔ bebree; ne yam hyehyɛɛ no maa bɛ, na ɔsaa bɛ mu ayarefoɔ he yadeɛ.


Nti na ɔsɛ sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne sɔfo panyini trodoo, Nyankopɔn fam nnoɔma mu, na wayɛ mane he bɔne ho mpatadeɛ.


Na Yesu frɛɛ n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne na ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm yi yɛ me mmɔbɔ paa, efiri sɛ bɛatena me nkyɛne nnansa nso benni hwee a bebedi; na mempɛ sɛ mɛma bɛde kɔm akɔ, anyɛ saa a bebetumi atwa ato kwanem.”


Na nnipa bebree huu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ he ɔɔkɔ, na benim bɛ, na bɛyɛɛ ntɛm firii nkuro he nyinaa mu nante dii bɛ anim kane koduruu baabi a na Yesu ne n’asuafoɔ he ɔɔkɔ he.


Berɛ a adeɛ saeɛ he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛkaa sɛ, “Ha yɛ baabi a biaa nni, na adeɛ nso asa,


Afei da foforɔ bi nso a ɔkɔ baa sɛ na nnipadɔm he nni hwee a bebedi he, Yesu frɛɛ n’asuafoɔ he, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,


“Nnipadɔm yi ne me atena nnansa di, na seesei deɛ bɛyɛ me mmɔbɔ efiri sɛ bibiaa nni hɔ a aka a bebedi.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite