30 Afei asomafoɔ he twaa Yesu ho hyiaeɛ, na bɛkaa nea bɛayɔ ne nea bɛakyerɛkyerɛ nyinaa kyerɛɛ no.
Na berɛ a asomafoɔ he sane baeɛ he, bɛkaa nnoɔma a bɛayɔ he kyerɛɛ Yesu. Nti ɔne bɛ twee bɛ ho kɔhyɛɛ kokoam baabi, kuro bi a bɛfrɛ no Betsaida mu.
Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane;
Berɛ he duruiɛ he, ɔkɔtenaa didipono ho a na asomafoɔ he ka ne ho.
Na asomafoɔ he ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Ma yɛ gyidie nyɛ kɛseɛ.”
Na nnipa aduɔson he de anigye sane baeɛ bɛkaa sɛ, “Awurade, wo dini a yɛde yɔɔ adwuma nti ahohommɔne mpo brɛɛ bɛ ho ase maa yɛ!”
Na bɛtwee bɛ so ntonto; na ntonto he bɔɔ Matia, na bɛde no kaa asomafoɔ dubaako he ho.
Na ɔyɛ Maria Magdalene, ne Yohana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmaa a aka a bɛka bɛ ho he kaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ he.
Na adeɛ kyeeɛ he, ɔfrɛɛ n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne, na ɔpaa bɛ mu dummienu frɛɛ bɛ asomafoɔ;
Na oyii dummienu a ɔmaa bɛ abodini sɛ “Asomafoɔ” a bɛbɛka ne ho akɔ ka asɛmpa he,
Na Yohane asuafoɔ he tee asɛm he, bɛba bɛfaa n’amu he na bɛkɔpɛɛ no koraberɛ bodane bi mu.