Asaase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa mmienu he awuwu. Bɛbɛgye bɛ ani na bɛakyɛ bɛ ho akyɛdeɛ, efiri sɛ, saa adiyifoɔ mmienu he ne bɛde haw bɛtoo asaase sofoɔ so.
Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so.
Nti adeɛ kyeeɛ he Agrippa ne Benike baeɛ a na bɛahyehyɛ bɛ ho dɔsɔɔ, na bɛ ne asahene ne kuro he mu atitire he kɔɔ baabi a betie asɛm he, na Festo maa bɛde Paulo baeɛ.