Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 6:14 - Apam Foforɔ

14 Hene Herode teeɛ, efiri sɛ na Yesu dini ahyeta hɔ nyinaa. Na binom ɔɔka sɛ, “Bɛanyane Yohane Suboni afiri awufoɔ mu, saa nti ne tumideɛyɔ yi ɔɔkɔ so ne mu.”

Gade chapit la Kopi




Marko 6:14
16 Referans Kwoze  

efiri sɛ, Awurade asɛm he firi ho mu ne trɛeɛ, ɔnyɛ Makedonia ne Akaia nkoaa, na mmom ho gyeɛ a hogyee Nyankopɔn diiɛ he atrɛ aduru mmaa nyinaa, nti ɔmma no nhia yɛ sɛ yɛka ho asɛm biaa,


Dɔno heaa mu he Farisifoɔ bi ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Firi ha kɔ, efiri sɛ Herode pɛ sɛ oku wo.”


Tiberio Kaesare ahennie afe a ɔtɔ so dunnum mu, berɛ a na Pontio Pilato yɛ Yudea amrado he, na Herode nso di Galilea mantam so, na ne nua Filipo nso di Iturea ne Trakoniti amantam so, saa ara nso ne na Lisaneia di Abilene, mantam so.


Na bebuaa no sɛ, binom dɛ woyɛ “Yohane Suboni, binom nso dɛ woyɛ Elia, na binom nso ka sɛ, woyɛ adiyifoɔ he mu baako.”


Nso ofirii adi, na ɔhyɛɛ aseɛ kekaa ho asɛm, ma ɔtrɛɛ maa afei deɛ Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biaa mu bio, na ɔtenaa nkuro agya, na nnipa firii mmeammea baa ne nkyɛne.


Na ne ho asɛm firii hɔ trɛɛ ntɛm kɔɔ nsaase a atwa Galilea ho ahyia nyinaa so.


Nso befirii hɔ kɔeɛ a ne bɛde ne ho asɛm trɛɛ mansini he mu nyinaa.


Bebuaa sɛ, “Binom dɛ woyɛ Yohane Suboni; na binom dɛ woyɛ Elia, na binom nso dɛ woyɛ tete adiyifoɔ he mu baako a wasɔre.”


berɛ a Nyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ ne tumideɛyɔ bebree, ne Honhom Kronkron akyɛdeɛ a ɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ne pɛ teɛ he dii ho adanseɛ bi.


Na Yesu ho asɛm yi trɛ kɔɔ Yudea nyinaa ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite