13 Betutuu ahonhommɔne bebree, na bɛsraa bɛ a bɛyare bebree ngo na bɛsaa bɛ yadeɛ.
Na nnipa aduɔson he de anigye sane baeɛ bɛkaa sɛ, “Awurade, wo dini a yɛde yɔɔ adwuma nti ahohommɔne mpo brɛɛ bɛ ho ase maa yɛ!”
Ɔfrɛɛ dummienu he na ɔhyɛɛ aseɛ somaa bɛ kɔ abɔntene mmienu mmienu, na ɔmaa bɛ ahonhom fi so tumi.
Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ.