Afei Petro ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honsakra ho adwene, na ho nyinaa homma bɛmmɔ ho asu Yesu Kristo dini mu, na hoanya bɔne fakyɛ, na hobenya akyɛdeɛ a ɔyɛ Honhom Kronkron he.
Bebenyane Ninewefoɔ ne awo ntoatoaso yi atemmuo mu; na bebebu ntoatoaso yi fɔ, efiri sɛ Ninewefoɔ he sakraa bɛ adwene berɛ a Yona bɔɔ bɛ kɔkɔ he; nso, hwɛ, nea ɔsene Yona ya ha.
na mmom, medii kane kasa kyerɛɛ Damaskofoɔ. Na afei mekɔɔ Yerusalem, ne Yudea mantam nyinaa mu, ne amanamane mufoɔ hɔ kɔkaa sɛ, sɛ bɛnsakra bɛ adwene na bɛmfa nnwuma a ɔkyerɛ adwensakra so nane mmra Nyankopɔn nkyɛne.