Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 5:24 - Apam Foforɔ

24 Nti ɔne no kɔeɛ. Na nnipadɔm kɛseɛ dii n’akyi, na bɛkyeree ne so.

Gade chapit la Kopi




Marko 5:24
12 Referans Kwoze  

Na n’asuafoɔ he bisaa no sɛ, “Woaa wonim sɛ nnipa yi kyere wo so, na afei mmɛ nti ne woobisa sɛ, ‘Hwane kaa me?’ ”


Nti Yesu ne bɛ siim kɔeɛ. Nso ɔɔyɛ aduru fie hɔ he, na sraani panyini he asoma ne nnamfoɔ dada sɛ bɛmmɛka nkyerɛ no sɛ, “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie.


na nnipadɔm he sane behyiaa mu a na bennya aduane mpo nni.


Yesu Nasareni he, Nyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi hyɛɛ no ma, na okyinikyinii asaase he so yɔɔ papa, na ɔsaa bɛ a Bronsam hyɛ bɛ so nyinaa yadeɛ, efiri sɛ na Nyankopɔn ka ne ho.


Na ɔɔhwehwɛ sɛ obehu nipa korɔ a Yesu yɛ, nso nnipadɔm he nti na ontumi, efiri sɛ na ɔyɛ akwatia.


Afei, berɛ a nnipakuo mpempem pii he dɔɔso ama bɛakyere so ama beetiatia bɛ ho bɛ ho he, Yesu dii kane ka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Honhwɛ yei Farisifoɔ mmɔreka a ɔyɛ nyaatwom he ho.


Nti Yesu bisaa sɛ, “Hwane ne de ne nsa kaa me he?” Berɛ a bɛ nyinaa bɛkaa sɛ ɔnyɛ bɛ he, Petro kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, nnipadɔm yi afum wo ho na bɛakyere wo so.”


efiri sɛ na ɔwɔ babaa korɔ pɛ a wadi bɛyɛ mfie dummienu a ɔda awusu. Berɛ a ɔɔkɔ he, nnipadɔm he kyere ne so.


na ɔsrɛɛ no pii sɛ, “Meba baa oowu. Bra na fa wo nsa begu ne so, na ne ho nyɛ no dene, na onya nkwa.”


Afei, na baa bi ya hɔ a na mogyaa atu no mfenhyia dummienu.


Berɛ a nnipakuo he ɔɔboaboa bɛ ho ano he, ofirii aseɛ kaa sɛ, “Awoɔ ntoatoaso yi yɛ awoɔ ntoatoasoɔ bɔne; bɛhwehwɛ nsɛnkyerɛnne. Nso bɛmma bɛ sɛnkyerɛnne biaa ka Yona nsɛnkyerɛnne he ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite