Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 5:22 - Apam Foforɔ

22 Na hyiadane he mu mpanyimfoɔ he mu baako a bɛfrɛ no Yaaro baeɛ, na ohuu no he, ɔhwee ne nane ase

Gade chapit la Kopi




Marko 5:22
14 Referans Kwoze  

Hyiadane he mu panyini ani bereeɛ sɛ Yesu asa yadeɛ homeda he. Nti ɔka kyerɛɛ nnipakuo he sɛ, “Nnansia ne ɔsɛ sɛ bɛde yɔ adwuma, ɔno mu ne ɔsɛ sɛ ho ba na bɛsa ho yadeɛ, na ɔnyɛ homeda ne ɔsɛ sɛ ho ba.”


Nti bɛ nyinaa to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadane mu panyini he so firii aseɛ hwee no atemmuo adwa he anim. Nso Galio anyɛ yeinom ho hwee.


Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.


Bɛkenkanee mmara ne adiyifoɔ he badwam wieeɛ he, hyiadane mu mpanyimfoɔ he somaa nnipa kɔɔ bɛ nkyɛne sɛ, “Anuanom, sɛ howɔ nkuranhyɛsɛm bi ma nnipa yi a, honka.”


Berɛ a Simon Petro huu yei he, ɔkotoo Yesu nane ase kaa sɛ, “Awurade, firi me nkyɛne kɔ, na meyɛ debɔneyɛni!”


Na ɔnam sɛ baa he nim nea wayɔ nti, ɔde suro ne ahopopoɔ bɛhwee n’anim, na ɔkaa nɔkorɛ he nyinaa.


Na me, Yohane, mene mehuu nnoɔma yi na meteeɛ. Na meteeɛ na mehuiɛ he, mehwee ase sɛ meekoto asɔre bɔfoɔ a ɔkyerɛɛ me nnoɔma yi.


Ohuu Yesu he, ɔteaam dendenndene hwee n’anim de nne kɛseɛ kaa sɛ. “Ɛɛne ne me ne wo wɔ yɔ, Yesu, Sorosoroni Nyankopɔn he Ba? Mesrɛ wo, nha me!”


Bɛbaa hyiadane mu panyini he fie hɔ he, ohuu sɛ hɔ yɛ gyegyeegye a nnipa oosu, na bɛde anibereɛ ootwa adwo dendenndene.


Bewuraa fie a na abɔfra he yam he mu he, behuu ɔne ne maame Maria, na bɛkoto sɔree no. Afei, bebiee bɛ kotokuo mu yii sikakɔkɔɔ, krobo, ne aduhwam de yɔɔ no ayɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite