Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 4:26 - Apam Foforɔ

26 Ɔkaa bio sɛ, “Soro ahennie te sɛ bi a wakogu aba asaase so,

Gade chapit la Kopi




Marko 4:26
24 Referans Kwoze  

Ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ sɛ, “Yebetumi de soro ahennie he atoto nipa bi a oguu aba pa n’afuom ho;


“Afei bɛ he asekyerɛ di. Aba he ne Nyankopɔn asɛm:


“Gufoɔ bi firii adi sɛ ookogu n’aba. Na oogu aba he, bi koguu kwane nkyɛne ma betiatiaa so, na wiem nnomaa bɛsosɔeɛ.


Na begu tenenee aba asomdwie mu ma bɛ a bɛpɛ asomdwie.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, sɛ ayuo ba baako antɔ fam anwu a, ɔdasoaa yɛ ba baako; nso sɛ owu a ɔsõ mma bebree.


Afei Yesu toaa so sɛ, “Sɛ ne Nyankopɔn ahennie teɛ? Na ɛɛne ho ne mede bɛto?


Na ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ bi sɛ, “Soro ahennie te sɛ baa bi a ɔfaa mmɔreka na ɔde fraa sam susukuruwa mmeɛnsa kosii sɛ ne nyinaa tuiɛ.”


Na ɔmaa bɛ mfantoho foforɔ bi sɛ, “Soro ahennie he te sɛ sinapi aba a bi koduaa no n’afuom;


Obuaa sɛ, “Ho deɛ bɛde ama ho sɛ honte ahintasɛm a ɔfa soro ahennie he ho ase, nso bɛ deɛ bɛmfa maa bɛ.


Na ɔyɔɔ mfantoho de kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree. Na ɔkaa sɛ: “Hontie! Gufoɔ bi firii adi sɛ okogu n’aba.


Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ pae mu kaa sɛ, “Honsakra ho adwene na soro ahennie he abɛne.”


“Honsakra ho adwene, na soro ahennie he abɛne.”


Na nea ɔde bi ma he bɛbɛma no bebree aka ho, na nea ɔmma hwee he, deɛ ɔwɔ he mpo bɛbɛgye afiri ne nsam.”


na ɔkɔda anadwo sɔre anɔpa, na aba he fifiri na onyini a onnim kwane a ɔfa so yɔ saa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite