34 Na ɔhwɛɛ bɛ a bɛtete ne nkyɛne he kaa sɛ, “Yeinom ne me maame ne me nuanom.
Na bɛ a ohuu bɛ sieeɛ he, oyii bɛ too hɔ sɛ bɛnsɛ ne Ba he, sɛnea ɔbɛyɛ a ne Ba he bɛyɛ abakane nnipa bebree mu.
Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Mfa wo nsa nka me, efiri sɛ menya nkɔɔ soro, m’Agya nkyɛne. Na kɔ me nuanom nkyɛne kɔka kyerɛ bɛ sɛ, ‘Meekɔ soro, m’Agya ne ho Agya ne me Nyankopɔn ne ho Nyankopɔn nkyɛne.’ ”
Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honnsuro; honkɔ nkɔbɔ me nuanom amaneɛ sɛ bɛnkɔ Galilea; na bebehu me hɔ.”
Na obuaa sɛ, “Me maame ne me nuanom ne hefoɔ?”
Na ɔyɛɛ no nwanwa sɛ bɛannye anni. Na okyinkyini nkuraase kyerɛkyerɛeɛ.