28 nti Nipa Ba he yɛ homeda he so tumfoɔ.”
Na Nipa Ba he yɛ homeda he so tumfoɔ.”
Awurade da he, na meya Honhom mu, na metee nne dendene bi ya m’akyi a ɔte sɛ totorobɛnto.
Na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nane ase na waayɔ no nnoɔma nyinaa ti ama asafo a
Na nea na ɔteɛ ne sɛ, na saa da a Yesu potɔɔ nnɛteɛ de biee n’ani he yɛ homeda.
Na Yesu buaa bɛ sɛ, “M’Agya gu so ɔɔyɔ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meeyɔ adwuma.”
Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nipa Ba he ne homeda he so tumfoɔ.”
Na Farisifoɔ he mu bi kaa sɛ, “Nipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛne, efiri sɛ onni homeda.” Nso binom bisaa sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na nipa debɔneyɛni atumi ayɔ nsɛnkyerɛnne a ɔte sɛ yi?” Afei mpaepaemu baa bɛ mu.
Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?” Na biaa yɔɔ komm.
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nnipa nti ne bɛyɔɔ homeda he, na ɔnyɛ homeda nti ne bɛyɔɔ nnipa;
Na afei, Yesu kɔɔ hyiadane he mu, na beema bi ya hɔ a na ne nsa adwodwo.