5 Beewura nna he mu he, behuu abeemaa bi a ɔhyɛ ataadeɛ tentene fitaa te nifa so hɔ, na bɛ akoma tuiɛ.
Na afei suani foforɔ he a oduruu nna he ho kane he nso kɔɔ mu, na ohuuiɛ, na ɔgye diiɛ.
Na ne ho te sɛ anyinam, na n’ataadeɛ yɛ fitaa sɛ asukɔtwea.
Berɛ a Sakaria huu no he, ne ho yeraa no na ɔbɔɔ hu.
Na nnipadɔm he nyinaa huu no he, ntɛmaa, bɛ ho dwirii bɛ, na betuu mmirika kɔɔ n’anim kɔkyeaa no.
Na yei yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ma bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ: “Abɛ di? Nkyerɛkyerɛ foforɔ a tumi yam! Ɔhyɛ ahonhom fi mpo na betie no.”
Ɔfaa Petro ne Yakubu ne Yohane kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ teeteeɛ na odii awerɛhoɔ.
Bɛhwɛeɛ he, behuu sɛ boɔ kɛseɛ a ɔda adamena he ano he amini afiri hɔ.