Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 16:15 - Apam Foforɔ

15 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

Gade chapit la Kopi




Marko 16:15
27 Referans Kwoze  

Nti honkɔyɛ amane nyinaa m’asuafoɔ, na hommɔ bɛ asu nhyɛ Agya he, Ɔba he ne Honhom Kronkron he dini mu,


Na otwa sɛ bɛpae mu ka asɛmpa he kyerɛ amane nyinaa kane.


na mmom sɛ Honhom Kronkron he nya ba ho so a, hobenya ahoɔdene, na hoayɛ m’adansefoɔ ya Yerusalem, Yudea ne Samaria de akɔpem asaase ano nohoa.”


Yɛahu, na yedi adanseɛ sɛ Agya he somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa.


Ɔnyɛ ho na hoayi me, na mmom mene maayi ho. Na maayi ho sɛ honkɔso aba, na hoaba he atena hɔ, sɛ ɔbɛyɛ a nea hobebisa Agya he me dini mu biaa ɔde bɛma ho.


Na Yesu sane ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho! Sɛnea Agya he asoma me he, saa are ne me nso meesoma ho.”


nso gye sɛ hokɔ soaa tena gyidie he mu, na hogyina ho fapem he so pintinn a homma bɛntwe ho mfiri asɛmpa he anidasoɔ a hoteeɛ a bɛaka no wiase abɔdeɛ nyinaa mu, a me Paulo mayɛ ho somfoɔ he ho.


nso afei deɛ bɛayi no adi, na ɔnam adiyifoɔ ntwerɛe so a bɛama Amanamane mufoɔ bɛahu, sɛnea daa daa Nyankopɔn hyɛeɛ he, sɛ ɔde setie a ɔkɔ gyidie mu—


Nso meebisa sɛ, bɛntee koraa? Nɔkwasɛm ne sɛ bɛate; efiri sɛ “Bɛapae mu aka no asaase nyinaa so, na bɛ nsɛm nso aduru wiase afanaa nyinaa.”


Afei mehuu bɔfoɔ foforɔ bi sɛ watu nam soro soro a ɔɔkɔka Asɛmpa a ontwam da he akyerɛ asaase so nnipa a amane ne mmusuakuo ne kasa ne nkurofoɔ nyinaa ka ho.


a aba ho nkyɛne na agye nhini ho mu he. Sɛnea ɔɔso aba na oonyini wiase nyinaa mu he, saa ne ɔɔso aba hoaa ho mu firi da a hoteeɛ na hotee Nyankopɔn adom he ase nɔkorɛ mu.


Nti ɔbaa sɛ ɔɔbɛka asomdwie ho asɛm akyerɛ ho a na hoya akyirikyiri ne ho a hobɛne Nyankopɔn;


de besi da a ɔnam Honhom Kronkron so maa asomafoɔ a oyii bɛ he ahyɛdeɛ, na ɔno akyi he bɛfaa no kɔɔ soro.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite