Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 15:43 - Apam Foforɔ

43 Yosef a ofiri Arimatea, na odi mu badwa he mu a na ɔno nso ɔɔhwɛ Nyankopɔn ahennie he kwane, de akokoɔduro kɔɔ Pilato anim kɔsrɛɛ no Yesu amu he.

Gade chapit la Kopi




Marko 15:43
16 Referans Kwoze  

Na dɔno heaa mu he, Hana baa hɔ bɛdaa Nyankopɔn ase kaa abɔfra he ho asɛm kyerɛɛ bɛ a bɛɛtwɛne gye a bɛbɛgye Yerusalem he nyinaa.


Na afei na beema bi ya Yerusalem a bɛfrɛ no Simeon a na ɔyɛ nipa tenennee a nyamesuro ya ne mu a ɔɔtwɛne Israel awerɛkyekyerɛ, na Honhom Kronkron ya no so.


Ɔno deɛ, wampene bɛ agyina ne bɛ nneyɔeɛ he so. Ofiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔnoaa nso ɔɔtwɛne Nyankopɔn ahennie he.


Na bɛ mu pii bɛgye diiɛ, ne Helafoɔ mmaa ne mmeema atitire a bɛdɔɔso pii nso yɔɔ saa.


Na yeinom akyi he, Yosef a ofiri Arimatea a ɔyɛ Yesu suani nso Yudafoɔ ho hu nti, na ɔyɛ no kokoam he, bɛsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma no mfa Yesu amu he nkɔ; na Pilato maa ne kwane na ɔbɛfa kɔeɛ.


Na nwunu dwoeɛ he, sikani bi a ofiri Arimatea a bɛfrɛ no Yosef a ɔno nso yɛ Yesu suani baeɛ;


na anuanom he mu fa kɛseɛ he nam me mpokyerɛ he so anya Awurade mu awerɛhyemu ma bɛde akokoɔduro kɛseɛ ka Nyankopɔn asɛm a bensuro koraa.


Na Yudafoɔ he hyɛɛ mmaa a bedi mu, ne mmeema atitire he kutupa ma bɛtaa Paulo ne Barnaba pamoo bɛ firi mpɔtamu hɔ.


Na Petro dii n’akyi akyirikyiri koduruu sɔfo panyini he adi hɔ; na ɔne abammɔfoɔ he tenaa gya ho toeɛ.


Saa ne akyidifoɔ bedi kane, na adikanfoɔ mmom abedi akyire.”


Nso adikanfoɔ he mu pii bedi akyire, na akyikafoɔ mmom abedi kane.


Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa sɛ waawu anaa, nti ɔkɔfrɛɛ sraani panyini he, bisaa no sɛ waawu dada anaa.


Na hwɛ, na beema bi ya hɔ a bɛfrɛ no Yosef a ɔyɛ badwani na ɔyɛ nipa pa na ɔtene nso.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite