26 Na bɛatwerɛɛ ne soboɔ bɔɔ n’atifi sɛ, “Yudafoɔ hene”
Bɛtwerɛɛ asɛm a begyinaa so bɔɔ no asennuam he sɛ, “Yei ne Yesu, Yudafoɔ Hene he”, na bɛde bɔɔ n’atifi.
bebisaa sɛ, “Hefa ne Yudafoɔ hene a bɛawo no he ya? Yɛahu ne nsoromma apieɛ, na yɛaba sɛ yɛɛbɛkoto no.”
Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ hene he?” Oyii no ano sɛ, “Yoo! Wone wooka.”
Na bɛbɔɔ ɔne akwamukafoɔ mmienu asennuam, baako ya ne nifa ne baako ya ne benkum.
Ma Kristo he, Israel Hene he nsiane mfiri asennua he so sɛdeɛ ɔbɛyɔ a yebehu na yɛagye adi.” Bɛ a bɛbɔɔ bɛ ne no asennua mu he nso huruu no.