Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 15:21 - Apam Foforɔ

21 Na bɛhyɛɛ Simon, Kireneni bi a ofiri baabi ootwam, a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo papa, sɛ ɔnsoa n’asennua he.

Gade chapit la Kopi




Marko 15:21
12 Referans Kwoze  

Na bɛde no ɔɔkɔ he, bɛsɔɔ Simon, Kireneni bi a na ofiri akuraa bi ase ɔɔba kurom, na bɛde asennua he soaa no dii Yesu akyi.


Befirii adi ɔɔkɔ he, bɛtoo Kireneni beema bi a bɛfrɛ no Simon; ɔno ne bɛhyɛɛ no maa no soaa Yesu asennua he.


Honkyea Rufo a, bɛayi no Awurade mu; na honkyea ne maame—a ɔyɛ me nso me maame.


Antiokia asafo he mu he, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ ya mu, Barnaba ne Simeon a bɛfrɛ no Niger he, ne Lukio a ofiri Kirene, ne Manaen a bɛtetee ɔne Herode a ɔyɛ mantam sodifoɔ he, ne Saulo.


Na binom ya bɛ mu a bɛyɛ Kiprofoɔ ne Kirenefoɔ a bɛaba Antiokia. Saa nnipa yi pae mu kaa Yesu ho asɛmpa kyerɛɛ nnipa a bɛka Hela kasa he.


Nso nnipa bi a befiri nea bɛfrɛɛ no Ahofadiefoɔ Hyiadane he mu ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne bɛ a befiri Kilikia ne Asia, sɔree sɛ bɛne Stefano oobedi anobaabaeɛ.


Frigia Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɔfa Kirene; afei binom nso yɛ ahɔhoɔ a befiri Roma, binom nso yɛ Yudafoɔ ne amanamane mufoɔ a bɛabɛdɔm Yudafoɔ som he,


Biaa a ɔnsoa n’asennua na onni m’akyi he ntumi nyɛ me suani.


Bedii ne ho fɛw wieeɛ he, bɛworɔɔ ataadeɛ kɔkɔɔ he de ɔnoaa n’ataadeɛ hyɛɛ no. Na bɛde no kɔɔ sɛ bɛɛkɔbɔ no asennuam.


berɛ a na ɔno ankasa so n’asennua. Ofirii adi kɔɔ baabi a bɛfrɛ hɔ Tikankuro (anaa Golgota Hebri kasa mu).


na sɛ bi hyɛ wo sɛ wo ne no nkɔ borɔfo-kwansini baako a, kɔ borɔfo-kwansini mmienu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite