54 Na Petro dii n’akyi akyirikyiri koduruu sɔfo panyini he adi hɔ; na ɔne abammɔfoɔ he tenaa gya ho toeɛ.
Na esiane sɛ na awɔ yam nti, na nkoa ne awɛmfoɔ he de bidie asɔ gya gyinagyina ho ɔɔto. Na Petro nso ne begyina hɔ ɔɔto gya he bi.
Afei asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne nnipa he so mpanyimfoɔ he hyiaam sɔfo panyini a bɛfrɛ no Kaiafa fie hɔ,
Saa berɛ yi na Simon Petro gyina hɔ ɔɔto gya. Bebisaa no sɛ, “Wo nso woyɛ beema yi asuafoɔ he mu baako, ɔnte saa?” Ɔsanee sɛ, “Daabi menka ho.”
Na berɛ a ne ho yera no he, ɔbɔɔ mpaeɛ dendenndene; na ne ho mfifire yɛɛ sɛ mogyaa a ɔɔsosɔ gu fam.]
Honnwɛne na hommɔ mpaeɛ na hoankɔ sɔhwɛ mu. Honhom he pɛ paa deɛ, nso honam he ɔmmerɛ.”
Na Petro dii n’akyi akyirikyiri de koduruu sɔfo panyini he abane mu hɔ, na ɔkɔɔ mu he ɔne asraafoɔ he tenaa ase sɛ ɔɔbɛhwɛ deɛ obesi.
Afei berɛ a na Petro ya aseɛ hɔ he, sɔfo panyini he mmaawa he mu baako baa hɔ.
Afei bɛkyee Yesu de no kɔeɛ, na bɛde no kɔɔ sɔfo panyini he fie, na Petro di bɛ akyi ya akyirikyiri.