Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 14:41 - Apam Foforɔ

41 Na afei ɔbaa ne mprɛnsa so bebisaa bɛ sɛ, “Hogu so ɔɔda dwodwo ho ho? Aayɛ yie! Berɛ he aso sɛ bɛde Nipa Ba he hyɛ nnebɔnyɛfoɔ nsa.

Gade chapit la Kopi




Marko 14:41
23 Referans Kwoze  

Na ɔkɔɔ animu kakra he, ɔde ne ho too fam na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ obetumi a nka berɛ he ntwa ne ho nkɔ.


efiri sɛ ná ɔɔkyerɛkyerɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Bebeyi Nipa Ba he ama de no ahyɛ nnipa nsa, na bebeku no, na nnansa akyi he waasɔre bio.”


Yesu kaa nsɛm yeinom wieeɛ he, ɔhwɛɛ soro kaa sɛ, “Agya, berɛ he anya aduru, hyɛ wo ba animuonyam na Ba he nso ahyɛ wo animuonyam


Adiyifoɔ he mu hwane ne ho agyanom antaa no? Bekuu bɛ a bɛhyɛɛ nkɔm faa Kronkronni he mmaeɛ ho, na afei hoayi no ama bɛaku no.


“Afei me kra ho yera no. Na mmɛ ne menka? ‘Agya, gye mefiri dɔno yi mu’? Daabi! Yei nti ne saa mmerɛ yi ato me.


Yesu buaa sɛ, “Berɛ he aduru sɛ bɛhyɛ Nipa Ba he animuonyam.


Ɔkaa nsɛm yi berɛ a na ɔɔma nkyerɛkyerɛ ya asɔrefie sikakorabea hɔ; na biaa ankye no, efiri sɛ na ne mmerɛ nya nnuruiɛ.


Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.


Na bɛtenaa ase a beedidi he, ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, ho a ho ne me oodidi he mu baako beyi me ama.”


Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ dummienu he mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he nkyɛne ne bɛ kɔ kasaa sɛ obeyi Yesu ama bɛ.


Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honam nyansakwane so po Nyankopɔn mmara sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobetumi adi ho atetesɛm so!


“Honim sɛ, aaka nnanu na Twam afahyɛ he aduru, na bebeyi Nipa Ba he ama, na bɛabɔ no asennua mu.”


Na ɔsane behuu bɛ sɛ bɛadeda bio, efiri sɛ, na bɛ ani kum kɛse, nti bɛanhu muaeɛ a bɛmfa mma no.


Honnsɔre ma yɛnkɔ. Honhwɛ, deɛ obeyi me ama he abɛne.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite