Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 14:36 - Apam Foforɔ

36 Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya, bibiaa nso wo yɔ; yi kuruwaa yi firi me so; nso nyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ.”

Gade chapit la Kopi




Marko 14:36
22 Referans Kwoze  

Na esiane sɛ hoyɛ mma nti, Nyankopɔn asoma ne Ba Honhom aba ho akomam a ɔteaam sɛ, “Abba, a ɔkyerɛ sɛ Agya!”


“M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.


sɛ yɛnyɛ nɔkwafoɔ a, ɔno deɛ ɔyɛ nɔkwafoɔ efiri sɛ ontumi mpa ne ho akyi.


“Afei me kra ho yera no. Na mmɛ ne menka? ‘Agya, gye mefiri dɔno yi mu’? Daabi! Yei nti ne saa mmerɛ yi ato me.


daa nkwa ho anidasoɔ a Nyankopɔn a onni torɔ, hyɛɛ ho bɔ too hɔ ansa na adebɔ ɔɔbɛhyɛ aseɛ—


ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kosii wuo mu, ɛɛ! asennua so wuo mu mpo.


Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu. Nti ɔnsɛ sɛ mennom kuruwa a Agya he de ama me he anaa?”


Yesu hwɛɛ bɛ, na ɔkaa sɛ, “Nnipa fam deɛ, ontumi nyɛ hɔ, na ɔnyɛ Nyankopɔn fam; na Nyankopɔn fam deɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ.”


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”


Nti hommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛ Agya a woya soro, anidie nka wo dini,


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a ɔnam nnoɔma mmienu a ɔnsesa so, sɛ Nyankopɔn ntumi nni torɔ, na yɛ a yɛadwane abɛtoa no he benya nkuranhyɛ a mu ɔdene na yɛasɔ anidasoɔ a ɔda yɛ anim he mu.


Na ofirii hɔ kɔɔ ne mprenu so na ɔkɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya, sɛ yei ntumi ntwa me ho na otwa sɛ menom a, ma wopɛ nyɛ hɔ.”


Na ɔba behuu sɛ bɛadeda; na obisaa Petro sɛ, “Ei! Simon, wada? Nti woantumi anwɛne dɔnhwere baako mpo?


Bebuaa sɛ, “Yebetumi.” Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Kuruwa a menom he, hobɛnom; na asubɔ a bɛde bɔ me he, bɛde bɛbɔ ho;


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite