Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 14:26 - Apam Foforɔ

26 Bɛtoo ayeyie dwom, na ɔno akyi he befirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ so.

Gade chapit la Kopi




Marko 14:26
13 Referans Kwoze  

Na bɛtoo ayeyie nnwom wieeɛ he, befiri adi kɔ Ngo Bepɔ he so.


Befirii adi he, Yesu kɔɔ Ngo Bepɔ he so sɛnea na ɔtaa yɔ he; na asuafoɔ he nso dii n’akyi.


Bɛtoo nnwom foforɔ bi sɛ, “Wofata sɛ wofa nwoma he, na wote nsɔano he ano, efiri sɛ, bekuu wo, na bɛde wo mogyaa atɔ nnipa afiri abusua, kasa, mane ne nkurofoɔ ahodoɔ mu ama Nyankopɔn.


Bi ya ho mu a ohu amane anaa? Homma no mmɔ mpaeɛ. Bi ani agye anaa? Homma no nto ayeyie nnwom.


Homma Kristo asɛm ntena ho mu yie. Honkyerɛkyerɛ na hontu ho ho fo nyansasɛm nyinaa mu, na homfa akoma mu aseda nto sankunnwom ne ayeyie nnwom ne honhom mu nnwom mma Nyankopɔn.


Sɛ ɔte saa, ɛɛne ne ɔsɛ sɛ meyɔ? Mede honhom he bɛbɔ mpaeɛ, na mede adwene nso abɔ mpaeɛ. Mede honhom bɛto dwom, na mede adwene nso ato dwom.


Na anadwo dasuom he, Paulo ne Silas bɔɔ mpaeɛ too nnwom yii Nyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ he tiee bɛ.


Berɛ a bɛbɛnee Yerusalem, na beduruu Betfage, Ngo Bepɔ so he, Yesu somaa asuafoɔ mmienu,


Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, mennom bobe aba bio de kosi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”


Na Yesu kaa nsɛm yei nyinaa wieeɛ he, ɔne n’asuafoɔ he firii adi kotwaree Nsuo Kidron kɔɔ turo bi mu.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite