Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 14:18 - Apam Foforɔ

18 Na bɛtenaa ase a beedidi he, ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, ho a ho ne me oodidi he mu baako beyi me ama.”

Gade chapit la Kopi




Marko 14:18
36 Referans Kwoze  

Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.”


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


Yesu buaa sɛ, “Wode wo nkwa bɛto hɔ ama me? Meeka akyerɛ wo nɔkorem paa sɛ, ansa na akokɔ bɛbɔno he, na woapa me mprɛnsa.


Na Yesu kaa yei wieeɛ he, ne ho yeraa no ne honhom mu, na ɔpaem kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ho mu baako beyi me ama.”


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, ɔnyɛ Mose ne maa ho paanoo a ofiri soro he, na mmom m’Agya ne maa ho paanoo kann a ofiri soro he.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkwasɛm a ɔyam ne sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne a hohuiɛ nti ne hoohwehwɛ me, na mmom paanoo a hodi meeɛ he nti a.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.


Meeka akyerɛ wo nɔkorem paa sɛ, “Nea yenim ne yɛka, na nea yɛani ahu ne yedi ho adanseɛ, nso honnye yɛ adanseɛ he nni.


Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Nɔkwasɛm di, meeka akyerɛ ho sɛ, hobehu soro sɛ abie na Nyankopɔn abɔfoɔ oodi aforosiane Nipa Ba he so.”


efiri Habel mogyaa so kosi Sakaria a bekuu no afɔrebokyia he ntomadane he ntam he mogyaa so.’ Ɛɛ, meka akyerɛ ho sɛ bebebisa afiri awo ntoatoaso yi hɔ.


Na ɔkaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ diyifoɔ biaa nni hɔ a bɛgye no tom ne kurom.


Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, mennom bobe aba bio de kosi da a mɛnom no foforɔ Nyankopɔn ahennie he mu.”


Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, wiase baabi a bɛbɛpaem aka asɛmpa he, bɛbɛka deɛ waayɔ yi de akae no.”


Yesu kaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem, biaa nni hɔ a wagya fie anaa nua mmeema, anaa nua mmaa, anaa maame, anaa papa, anaa mma ne nsaase, ɔnam me ne asɛmpa he nti,


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, nea ɔnnye Nyankopɔn ahennie he sɛ abɔfra he nkɔ mu da.”


Na nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, biaa a ɔbɛma ho nsuo kuruwa baako mpo anom, sɛ hokura Kristo dini nti he, n’akatua ɔmmɔ no da.”


Afei nso ɔtoaa so ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, binom gyina ha a bennwu kosi sɛ bebehu sɛ Nyankopɔn ahennie he aba tumi mu.”


Na oguu ahome ne honhom mu bisaa sɛ, “Mmɛ nti ne nneemmafoɔ bisa nsɛnkyerɛnne? Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, bɛmmfa nsɛnkyerɛnne biaa mma nneemmafoɔ.”


Baabi a hobɛkɔ a bɛannye ho he, na bɛantie ho he, sɛ hoofiri hɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ, na ɔnyɛ adanseɛ ntia bɛ.”


Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, ɔde nipa bɔne ne abususɛm biaa a ɔbɛka bɛkyɛ no,


na beedidi he, ɔkaa sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorɛ mu sɛ, ho mu baako beyi me ama.”


“Na sɛ hoobɔ mpaeɛ a honnyɔ sɛ nyaatwomfoɔ he; efiri sɛ bɛpɛ sɛ begyina hyiadane mu ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, sɛ nnipa behu bɛ. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


“Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, kosi sɛ soro ne asaase betwam he, atwerɛdeɛ anaa nsensaneɛ ketewa baako mpo omfiri mmara he mu kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu.


Nɔkwasɛm paa ne sɛ, woyɛ abranteɛ he na wode abɔsoɔ bɔ wo mu nante kɔ baabiaa a w’ankasa wopɛ. Nso sɛ wobɔ akɔkora a, wobɛtene wo nsa na bi de abɔsoɔ abɔ wo mu, na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ sɛ wokɔ.


“Na sɛ hoodi mmuada a, honnyɔ ho anim bosaa sɛ nyaatwomfoɔ he, efiri sɛ bɛyɔ bɛ anim bosaa sɛ ɔbɛyɔ a nnipa behu bɛ sɛ beedi mmuada. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho sɛ, bɛanya bɛ akatua dada.


Nnwunu dwoeɛ he, Yesu ne dummienu he baeɛ.


Na bɛyɛɛ basaa, na bebisaa no mmaako mmaako sɛ, “Ɔyɛ me a’?”


“Na honhu sɛ, nea obeyi me ama he ne me te didipono yi ho,


Ɔnyɛ ho nyinaa ho asɛm ne meeka yi, me deɛ menim bɛ a maayi bɛ. Na mmom sɛnea ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam sɛ, ‘Nea me ne no bɔ kosua tafere he, ayi me ama ntia.’


Na asuafoɔ he hwehwɛɛ bɛ ho bɛ ho anim a na benhu onii korɔ a ɔɔka ne ho asɛm he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite