14 na baabi a obewura biaa, honka nkyerɛ fiewura he sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ yemmisa sɛ, Hefa ne m’ahɔhodane a me ne m’asuafoɔ bedi Twam he ya?’
Hwɛ! Megyina pono he akyi ɔɔbɔ mu, sɛ bi te me nne na obie pono he a, mɛba mu na me ne no abedidi na ɔno nso ne me adidi.
Hofrɛ me Kyerɛkyerɛfoɔ ne Awurade, na ɔyɛ ne kwane so sɛ hoka saa, efiri sɛ meyɛ saa.
Ɔkaa yei wieeɛ he, Marta kɔfrɛɛ ne Maria kokoam ka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ he aba ha, na ɔɔfrɛ wo.”
Sɛ bi bisa ho sɛ, ‘Ɛɛne nti ne hooyɔ yei a,’ honka sɛ, ‘Awurade hia no, hoka saa a ɔntwentwɛne ne nane ase koraa na wama hode no aba ha.’ ”
Na osiim sɛ ɔɔkɔ baabi he, beema bi de mmirika bebuu nkotodwe n’anim, na obisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, mmɛ ne menyɔ na manya daa nkwa?”
Nti ɔsomaa n’asuafoɔ he mu mmienu, ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ kuro he mu, na beema bi behyia ho a ɔsõ asuhina; honni n’akyi,
Ɔbɛkyerɛ ho dane kɛseɛ bi abrosane he so a bɛasiesie mu ayɛ no krado. Honnyɔ ahosiesie mma yɛ hɔ.”
Na hommisa fiewura he sɛ, ‘Kyerɛkyerɛfoɔ he dɛ, “Hefa ne ahɔhodane a me ne m’asuafoɔ bedi twam afahyɛ ya mu he ya?” ’