12 Afei da a odi kane a bedi paanoo a mmɔreka nnim he, berɛ a beku Twam dwane he, Yesu asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yekosiesie ma wodi Twam he?”
Nso berɛ a bɛahyɛ ato hɔ he soeɛ he, Nyankopɔn somaa ne Ba a baa woo no, na bɛwoo no mmara he ase,
Nso Yesu buaa no sɛ, “Ma ɔnyɛ saa, ɔyɛ ma yɛ sɛ yɛhyɛ tenenee nyinaa ma.” Na Yohane penee so maa no.
Na aka nnaanu na Twam ne Apiti afahyɛ he aduru. Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he ɔɔpɛ nyansa kwane bi afa so akye Yesu, na bɛaku no;
Bɛteeɛ he, bɛ ani gyee paa, na bɛhyɛɛ no bɔ sɛ bɛbɛma no sika. Nti ɔhyɛɛ aseɛ hwehwɛɛ kwane a ɔbɛfa so ayi no ama.
Nti ɔsomaa n’asuafoɔ he mu mmienu, ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ kuro he mu, na beema bi behyia ho a ɔsõ asuhina; honni n’akyi,