Na afei Twam afahyɛ he oobeduru he, na Yesu nim sɛ berɛ he aduru sɛ oobefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne. Na ɔdɔɔ ɔnoaa ne deɛ a na bɛya wiase he, na ɔdɔɔ bɛ de kosii awieeɛ.
“Nti sɛ wooyɔ adɔeɛ adeɛ a, mmɔ dawuro nni w’anim, sɛnea nyaatwomfoɔ he yɔ no hyiadane mu ne mmɔntene so he, sɛdeɛ bebenya nipa anim animuonyam. Nɔkorɛ, meeka akyerɛ ho, bɛanya ba akatua dada.
Afei da a odi kane a bedi paanoo a mmɔreka nnim he, berɛ a beku Twam dwane he, Yesu asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yekosiesie ma wodi Twam he?”
Na ne nsa kaa no he, ɔde no too afiase de no hyɛɛ akuo nnan a asraafoɔ nnan ya mu biaa mu nsa sɛ bɛnwɛne no nnidisoɔ nnidisoɔ, a na wayɛ n’adwene sɛ, Twam Afahyɛ he akyi he, ɔde no bɛma nkurofoɔ he.