Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 13:9 - Apam Foforɔ

9 “Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.

Gade chapit la Kopi




Marko 13:9
37 Referans Kwoze  

Bɛbɛpam ho afiri hyia adane mu. Nɔkwasɛm ne sɛ, berɛ bi ɔɔba a biaa a obeku ho he bɛdwene sɛ ɔɔyɔ saa Nyankopɔn dini mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ yie na biaa amma hoanyera.


“Menim sɛ faako a wote he, hɔ ne Satan ahennwa si, nso wokuraa me dini mu, na woampa me gyidie, nna a bekuu me danseni nɔkwafoɔ Antipa a na ɔne ho ya hɔ, deɛ a Satan te he.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


Me, Yohane, ho nua a me ne ho bom Yesu mu hunu amane n’ahennie ne ne boasetɔ mu, na meya supɔ Patmo so, esiane Nyankopɔn asɛm ne Yesu adanseɛ nti.


Yei ne di Nyankopɔn atemmuo a ɔtene ho adanseɛ sɛ, bebebu ho sɛ Nyankopɔn ahennie a hohu ho amaneɛ he fata ho;


efiri sɛ, ɔnam adom so ama ho akwannya sɛ Kristo nti, ɔnyɛ ne mu gyidie nko ne hobenya, na mmom sɛ hobehu amane ama no nso.


Ɔbaa yɛ nkyɛne; na ɔfaa Paulo aboomu de kyekyeree ne nane ne ne nsa. Na ɔkaa sɛ, “Nea Honhom Kronkron ɔɔka di, ‘Sei ne Yudafoɔ a bɛya Yerusalem bɛkyekyere aboomu yi wura, na bɛde no ama Amanamane mufoɔ.’ ”


Na m’ankasa mɛkyerɛ no amaneɛ a otwa sɛ ɔba no so ɔnam me dini nti.”


Bɛtee yeinom he ɔwowɔɔ bɛ akoma mu na bɛ ani beree paa tia Stefano.


Honkae asɛm a maka akyerɛ ho yi, ‘Akoa nkyɛne ne wura.’ Sɛ bɛtane me a, bɛbɛtane ho nso, sɛ bedi me nsɛm so a, bebedi ho deɛ nso so.


Na baabiaa a nnipa annye ho he, sɛ hoofiri kuro he mu akɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ ma ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ hoapo bɛ.”


Baabi a hobɛkɔ a bɛannye ho he, na bɛantie ho he, sɛ hoofiri hɔ a, homporoporo ho nane ase mfuturo ngu hɔ, na ɔnyɛ adanseɛ ntia bɛ.”


ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka hwee ankyerɛ biaa, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na tua w’ahofire aboadeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”


Na me deɛ meeka akyerɛ ho sɛ, sɛ wo bo fu wo nua a, wobedi fɔ atemmuo mu; wodi wo nua atɛm sɛ nipahunu a wobedi fɔ mpanyimfoɔ atitire he asɛniiɛ; na sɛ woka sɛ, ‘Woyɛ kwasea’ a, wobedi fɔ akɔ gya a onnum da mu.


Na amane bɛsɔre atia amane, na ahennie asɔre atia ahennie; asaasewosoɔ bɛba mmeammea; kɔm bɛba. Yei yɛ awoko yeyaa mfitiaseɛ.


Honhwɛ ho ho so yie na hoanhwere nea hoayɔ ho adwuma, sɛ ɔbɛyɛ a hobenya ho akatua nyinaa.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite