3 Berɛ a na ɔte Ngo Bepɔ so, faako a ɔne hyiadane he di animhwɛ he, Petro, Yakobo, Yohane ne Andreo bisaa no kokoam sɛ,
Wankasa ankyerɛ bɛ a na mfantoho nka ho; na ɔka ɔne n’asuafoɔ he nkoaa a, ɔkyerɛkyerɛ bibiaa mu kyerɛ bɛ.
Berɛ a bɛbɛnee Yerusalem, na beduruu Betfage, Ngo Bepɔ so he, Yesu somaa asuafoɔ mmienu,
Ɔfaa Petro ne Yakubu ne Yohane kaa ne ho, na ɔhyɛɛ aseɛ teeteeɛ na odii awerɛhoɔ.
Yakubu ne Yohane, Sebedeo mma he baa ne nkyɛne bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛpɛ sɛ nea yebebisa wo biaa woyɔ ma yɛ.”
Nna nsia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na odii bɛ anim foro kɔɔ bepɔ tentene bi so baabi a biaa nni. Na ɔsakraeɛ bɛ anim,
Wamma biaa anni n’akyi gye Petro, Yakubu ne Yohane, Yakubu nua he.
Berɛ a ɔte Ngo Bepɔ so he, n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no kokoam sɛ, “Ka kyerɛ yɛ, da bɛ ne yeinom besi, na mmɛ nsɛnkyerɛnne ne bɛda adi fa wo mmaeɛ ne awieeɛ berɛ he mu?”
Nnansia akyi he, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho kɔɔ bepɔ tentene bi so.
Afei ogyaa nnipakuo he hɔ, na ɔkɔɔ fie. Na n’asuafoɔ he baa ne nkyɛne, bɛkaa sɛ, “Kyerɛkyerɛ yɛ mfantoho a ɔfa wuraa a ɔya mfuom he ase.”
Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne wode mfantoho ne ɔɔkasa akyerɛ bɛ yi?”
“Ka kyerɛ yɛ, mmɛ berɛ ne yei bɛyɔ hɔ, na mmɛ ne bɛyɛ nsɛnkyerɛnne sɛ saa nnoɔma yi nyinaa ɔɔbɛba mu?”