21 Na sɛ biaa ka kyerɛ ho da he sɛ, ‘Hwɛ! Kristo he di!’ Anaa ‘Hwɛ, Ɔya do a,’ honye nni,
Ɔkaa sɛ, “Honhwɛ yie na bɛannaadaa ho, efiri sɛ nnipa bebree de me dini bɛba abɛka sɛ, ‘Mene no,’ na ‘Berɛ a bɛahyɛ he abɛne!’ Honnni bɛ akyi.
Efiri sɛ bebree bɛba me dini mu, abɛka sɛ, ‘Me ne Kristo he,’ na bɛbɛdaadaa nnipa bebree.
Maaba m’Agya dini mu, nso honnye me, sɛ foforɔ ba ɔno anakasa ne dini mu a, ɔno ne hobɛgye no.
Na sɛ Awurade antwa nna he so tia a, nipa biaa onya nkwa; nso bɛ a bɛapa bɛ he na bɛayi bɛ he nti, bɛatwa nna he so tia.
Kristo atorɔfoɔ ne adiyifoɔ atorɔfoɔ bɛba na bɛayɔ nsɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ, na sɛ obetumi a, nka bɛde adaadaa bɛ a bɛayi bɛ he.