Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 13:11 - Apam Foforɔ

11 Sɛ bɛde ho kɔ sɛ beekodi ho asɛm ayi ho ama a, honnwennwene deɛ hobɛka ho; na deɛ bɛde bɛma ho saa berɛ he ɔnoaa ne honka, efiri sɛ, ɔnyɛ ho ne hokasa, na mmom ɔyɛ Honhom Kronkron ne bɛkasa afa ho mu.

Gade chapit la Kopi




Marko 13:11
25 Referans Kwoze  

Nso bɛantumi annyina ne nyansa ne Honhom a ɔde kasaeɛ he ano.


Nyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifoɔ he sɛ, ɔnyɛ bɛ ho ne bɛsomeeɛ na mmom ho ne bɛde nnoɔma a asie na bɛɛka ho asɛm he ɔɔsom ho. Na akyire yiaa bɛada Asɛmpa he adi akyerɛ yɛ nyinaa. Saa Honhom Kronkron he a bɛsoma no firii soro he tumi so ne bɛnam kasa kyerɛɛ bɛ; saa tumi heaa so ne bɛnam kasa kyerɛɛ yɛ nso. Yeinom yɛ nnoɔma bi a abɔfoɔ mpo pɛɛ sɛ behu mu.


Na yɛka nnoɔma yi ho asɛm, ɔnyɛ deɛ nnipa nyansa kyerɛ, na mmom deɛ Honhom he akyerɛ, de kyerɛkyerɛ honhom nnoɔma ase kyerɛ bɛ a bɛya honhom mu.


Sɛ ho mu bi hia nyansa a, ma no mmisa Nyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora biaa nni mu he, na ɔde bɛma nipa korɔ he.


Mmerɛ bi a atwa mu he woanyi saa ahintasɛm yi adi ankyerɛ nipa biaa, sɛnea nnɛ ɔnam Honhom he so abɛda no adi akyerɛ n’asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron he:


Berɛ a bewiee mpaebɔ he, baabi a behyiaam he wosoeɛ, na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa mama na bɛde akokoɔduro kaa Nyankopɔn asɛm he.


Na Honhom Kronkron bɛhyɛɛ bɛ nyinaa ma ma, na befiri aseɛ sɛ kaa kasa foforɔ, sɛnea Honhom he de maa bɛ sɛ bɛnka.


Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakobo Nyankopɔn, yɛ nananom Nyankopɔn ahyɛ n’akoa Yesu animuonyam, nea ho deɛ, hoyii no maeɛ, na hopaa no Pilato anim, berɛ a Pilato sii gyinaeɛ sɛ obegyaa no he.


Yohane buaa sɛ, “Nipa ntumi nya bibi gye sɛ bɛde firi soro ama no.


“Ho deɛ, honhwɛ ho ho yie, efiri sɛ bebeyi ho ama abadwafoɔ; na bɛbɛhwe ho hyia adane mu; na me nti, hobegyina amradofoɔ ne ahemfo anim, de ayɛ adanseɛ ama bɛ.


Honhwɛ ho ho yie bɛ ho, efiri sɛ bɛde ho bɛma badwafoɔ na bɛahwe ho bɛ hyia adane mu;


Nso esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ ne ma nti, ɔhwɛɛ soro gyee huu Nyankopɔn animuonyam ne Yesu sɛ ogyina Nyankopɔn nsa nifa,


Berɛ a bɛ a bɛte Sanhedrin badwa he mu nyinaa hwɛɛ no dinn he, behuu sɛ n’anim te sɛ bɔfoɔ anim.


Na afei nua beyi nua ama na bɛaku no; na agya ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia awofoɔ, na bɛama bɛaku awofoɔ he.


“Nso, ansa na yeinom nyinaa bɛba he, nkurofoɔ bɛkye ho, na bɛataa ho, de ho akɔ hyia adane mu ne afiase, atwe ho akɔ ahemfo ne amradofoɔ anim, me dini nti.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite