Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 12:24 - Apam Foforɔ

24 Yesu bisaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi te ne honte aseɛ yie. Honnim atwerɛ he, na honnim Nyankopɔn tumi nso;

Gade chapit la Kopi




Marko 12:24
25 Referans Kwoze  

Saa berɛ he na ɔntee twerɛsɛm he ase sɛ otwa sɛ onyane firi awufoɔ mu.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nea hooka yi, te ne honte aseɛ yie, efiri sɛ honnim atwerɛeɛ he anaa Nyankopɔn tumi.


ne ne tumi a mu nni hwehwɛbea ma yɛ a yɛgyedi, sɛnea ne tumi a ɔsõ a ɔyɔ adwuma he teɛ.


Na ɔno ne bɛsane ayɔ yɛ nipadua a bɛbɛbrɛ no ase he yie, na ama ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua he, sɛnea ne tumi a ɔya hɔ he yɔ adwuma, meekyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’ase.


Efiri sɛ nea bɛtwerɛɛ no kane nna he mu he bɛtwerɛɛ sɛ ɔnyɛ nkyerɛkyerɛ mma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnam twerɛsɛm he so bɛma yɛ boasetɔ ne awerekyekyerɛ ama yɛaya anidasoɔ.


Na yeinom gyee asɛm he sene bɛ a bɛya Tesalonika he, efiri sɛ bɛde bɛ adwene nyinaa gyee asɛm he, na da biaa na bɛhwehwɛ twerɛsɛm he mu yie hwɛ sɛ nsɛm he te saa anaa.


Yesu hwɛɛ bɛ, na ɔkaa sɛ, “Nnipa fam deɛ, ontumi nyɛ hɔ, na ɔnyɛ Nyankopɔn fam; na Nyankopɔn fam deɛ bibiaa betumi ayɛ hɔ.”


“Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.


efiri sɛ, Nyankopɔn fam deɛ, bibiaa nni hɔ a ontumi mma mu.”


Sɛ ɔkɔ ba saa a, wusɔreɛ he mu he, baa he bɛyɛ hwane yerɛ? Efiri sɛ nnipa nson he nyinaa aware no.”


efiri sɛ, wusɔreɛ akyi he nnipa ɔnware, na bɛmmfa biaa mma awareɛ, na mmom nnipa ɔnware, sɛnea soro abɔfoɔ nso nware he.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite