Homfa nea ɔsɛ sɛ hode ma biaa ma no, hontua toɔ ma bɛ a ɔsɛ sɛ hotua toɔ ma bɛ, homfa akatua ma bɛ a akatua sɛ bɛ, hommu nea ɔfata buo, homfa anidie ma nea anidie sɛ no.
Hommfa ho nipadua mma bɔne sɛ akodeɛ amumuyɔ kwane so, na mmom homfa ho ho ma Nyankopɔn sɛ bɛ a bɛagye bɛ afiri wuom aba nkwa mu, na homfa ho ho ma sɛ tenenee akodeɛ.
Nti anuanom, megyina Nyankopɔn mmɔborɔhunu so ɔɔsrɛ ho sɛ, homfa ho nipadua nsi hɔ sɛ afɔdeɛ a ɔte ase, a ɔyɛ kronkron a ɔsɔ Nyankopɔn ani. Yei ne nyamesom pa.