Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 12:1 - Apam Foforɔ

1 Afei Yesu firii aseɛ de mfantoho kasa kyerɛɛ bɛ sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo, gyee ho hyiaeɛ, tuu nsa-kyi-amena, na osii awɛmfoɔ dane; afei ɔde turo he hyɛɛ ahwɛfoɔ nsa, na otuu kwane kɔɔ kuro foforɔ so.

Gade chapit la Kopi




Marko 12:1
38 Referans Kwoze  

Ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na oofiri fie he, ɔde ne nkoa sisii nnwuma ahodoɔ ano, na ɔhyɛɛ ponohwɛfoɔ sɛ ɔnwɛne.


Ɔhyɛɛ aseɛ de mfantoho kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma pii, ne nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,


“Na ɔte sɛ beema bi a ootu kwane, na ɔfrɛɛ ne nkoa na ɔde n’agyapadeɛ hyɛɛ bɛ nsa;


Mose yiaa ne na ɔka bɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no Bepɔ Sinai so he ho a ɔbaa asafo he mu ne yɛ nananom nkyɛne serɛ so he, na onyaa nkwa nsɛm kronkron a ɔde bɛma ho.


Ɔkaa sɛ, “Dehyeɛ bi tuu kwane kɔɔ asaase bi so akyirikyiri sɛ ɔɔkɔgye ahennie tumi aba.


Na nna kakraa bi akyi he, ba kumaa he boaboaa nnoɔma he nyinaa ano na otuu kwane kɔɔ akyirikyiri mane bi so, na okobuu akohwibra de sɛee n’agyapadeɛ he nyinaa.


Ɔkaa sɛ, “Ho ne bɛde ama ho sɛ honte Nyankopɔn ahennie ho ahintasɛm he ase, na bɛ a bɛ aka he deɛ, bɛde mfantoho ne ka ho asɛm kyerɛ bɛ, na nti bɛbɛhwɛ deɛ, nso bɛbɛhwɛ no kwa, na bɛbɛte deɛ, nso bɛnte aseɛ.


Yesu bisaa sɛ, “Hodwene yei ho sɛ? Beema bi wɔ mma mmienu; ɔkɔɔ deɛ odi kane he hɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Me ba, kɔ na kɔyɔ bobe turo he mu adwuma nnɛ.’


Bebisaa no sɛ, “Hefa ne wopɛ sɛ yekosiesie?”


Na ɔyɔɔ mfantoho de kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree. Na ɔkaa sɛ: “Hontie! Gufoɔ bi firii adi sɛ okogu n’aba.


Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontie mfantoho foforɔ yi, afuowura bi yɔɔ bobe turo, too bane faa ho, tuu mu nsa-kyi-amena, na osii abane tentene. Na ɔde hyɛɛ nhwɛsofoɔ nsa firii hɔ kɔɔ mane foforɔ so.


Berɛ a twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa ne nkoa kɔɔ nhwɛsofoɔ he hɔ sɛ bɛnkɔgye n’afudeɛ mmra no.


Na ɔfrɛɛ bɛ baa ne nkyɛne na ɔyɔɔ saa mfantoho yi kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na Satan atutu Satan?


Nti bebuaa Yesu sɛ, “Yennim.” Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a me nso menka tumi korɔ a mede ɔɔyɔ yeinom nkyerɛ ho.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite