32 Na yɛnam he ne kɔka sɛ, ‘Ofiri nipa’?” Na besuro nnipadɔm he efiri sɛ na bɛ nyinaa bebu Yohane sɛ ɔyɛ nɔkorɛ diyifoɔ.
Berɛ a behuu sɛ ɔyɔɔ saa mfantoho yi tiaa bɛ he, bɛpɛɛ sɛ bɛbɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he. Nti bɛgyae no, na bɛkɔeɛ.
Na bɛpɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he, efiri sɛ na nnipadɔm he gye no tom sɛ diyifoɔ.
Owom sɛ na Herode pɛ sɛ oku no deɛ, nso na osuro nkurofoɔ he, efiri sɛ bebu Yohane sɛ diyifoɔ.
Nti asɔrefie hwɛfoɔ he ne n’awɛmfoɔ kɔfaa bɛ baeɛ, nso bɛanyɔ bɛ gidigidi, efiri sɛ na besuro sɛ nkurofoɔ he besi bɛ aboɔ.
Na nnipa bebree baa ne nkyɛne, na ɔkaa sɛ, “Yohane anyɔ nsɛnkyerɛnne baako pɛ mpo, nso nea Yohane ka faa saa nipa yi ho he nyinaa yɛ nɔkorɛ.”
Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nso ɔɔhwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku Yesu, efiri sɛ na besuro nkurofoɔ he.
Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ.
efiri sɛ, na Herode suro Yohane, esiane sɛ onim sɛ ɔyɛ teneneeni ne kronkronni, nti ɔbɔɔ ne ho bane. Sɛ otie no a, na waayɛ basaa nso na ɔpɛ sɛ otie no.
Anaa abɛ koraa nti ne hofirii adi kɔhwɛeɛ? Diyifoɔ? Ɛɛ, meeka akyerɛ ho, sɛ ɔte saa; nso, ɔkyɛne diyifoɔ koraa.
Bɛgyee bɛ ho bɛ ho akyinnye sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro a,’ ɔbɛka sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’
Nti bebuaa Yesu sɛ, “Yennim.” Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a me nso menka tumi korɔ a mede ɔɔyɔ yeinom nkyerɛ ho.”