Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 11:18 - Apam Foforɔ

18 Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene.

Gade chapit la Kopi




Marko 11:18
26 Referans Kwoze  

Na afei, berɛ a Yesu kaa nsɛm yi wieeɛ he, nnipadɔm he ho dwirii bɛ ne nkyerɛkyerɛ he ho,


Berɛ a behuu sɛ ɔyɔɔ saa mfantoho yi tiaa bɛ he, bɛpɛɛ sɛ bɛbɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he. Nti bɛgyae no, na bɛkɔeɛ.


Afei berɛ a Paulo kaa tenenee, ahohyɛsoɔ ne atemmuo a ɔbɛba ho asɛm he, hu kaa Felike ma ɔkaa sɛ, “Firi m’anim ha kɔ, na sɛ menya berɛ a mɛsane asoma abɛfrɛ wo.”


Awɛmfoɔ he buaa sɛ, “Nipa biaa nkasaa sɛ beema yi da!”


Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ.


Bio nso, ɔkɔɔ so maa nkyerɛkyerɛ asɔre fie hɔ da biaa, na asɔfoɔ mpanyini he ne atwerɛfoɔ ne nnipa he mu atitire he ɔɔhwehwɛ sɛ bebeku no;


Na bɛ nyinaa bedii ne ho adanse-pa, na adom nsɛm a ɔkaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ, na bebisaa sɛ, “Nyɛ Yosef ba yi di?”


Na yɛnam he ne kɔka sɛ, ‘Ofiri nipa’?” Na besuro nnipadɔm he efiri sɛ na bɛ nyinaa bebu Yohane sɛ ɔyɛ nɔkorɛ diyifoɔ.


efiri sɛ, na Herode suro Yohane, esiane sɛ onim sɛ ɔyɛ teneneeni ne kronkronni, nti ɔbɔɔ ne ho bane. Sɛ otie no a, na waayɛ basaa nso na ɔpɛ sɛ otie no.


Na Farisifoɔ he firii abɔntene a pɛ, bɛ ne Herodefoɔ bɔɔ pɔ hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.


Ne nkyerɛkyerɛ he yɛɛ bɛ nwanwa, esiane sɛ ɔde tumi paa ne kasaeɛ, na wankasa sɛ atwerɛfoɔ he.


Nso berɛ a asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he huu anwanwadeɛ a ɔyɔeɛ he, na bɛtee sɛ mmɔfra ɔɔteam asɔredane mu hɔ sɛ, “Hosiana, Dawid Ba,” he bɛ bofuu paa


Na sɛnea n’adwene mu dɔ na oyi nsɛm ano he nti, bɛ a beetie no he ho dwirii bɛ.


Yei akyi he, Yesu kɔɔ Galilea. Na ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ Yudea efiri sɛ na Yudafoɔ he ɔɔhwehwɛ kwane bi afa so aku no.


“Ɔnyɛ Mose ne maa ho mmara he? Nso ho mu baako mpo nni mmara he so. Ɛɛne nti ne hoopɛ kwane afa so aku me?”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite