Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 11:14 - Apam Foforɔ

14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnso aba bio na bi anya bi adi.” Na n’asuafoɔ he teeɛ.

Gade chapit la Kopi




Marko 11:14
15 Referans Kwoze  

Ohuu borɔdoma dua bi kwane nkyɛne; na ɔkɔɔ ho sɛ ɔɔkɔ pɛ n’aba he bi, nso wanhu hwee dua he so sɛ ahahane nkoaa. Na ɔdomee dua he sɛ, “Wonso aba bio da!” Na borɔdoma he wuu amonom hɔaa.


Sɛ bi antena me mu a, betwa no twene sɛ mmabaa a mfasoɔ nni so; na bɛboaboa ano de kogu gya mu ma ɔhye.


Dua biaa a ɔnso aba pa he betwa to twene gya mu.


Mpo seesei bɛde akuma ato dua he nhini ase; nti dua biaa a ɔnnso aba he bebetwa na bɛato atwene gya mu.


Ee! Deɛ ɔyɔ bɔne he nkɔso nyɔ bɔne ara, na nea ɔyɔ fi he nyɔ fi ara. Na deɛ ɔtene he nkɔso ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron he nkɔso nyɛ kronkron ara.”


[Deɛ ɔbɛhwe saa boɔ yi so he mu bɛpaepae; na nea boɔ he bɛhwe ne so biaa nso ɔbɛyam no muhumuhu.]


Na sɛ nipa sua yɛ Awurade ne yɛ Agyenkwa Yesu Kristo ho nsɛm, na ɔnam so dwane firi wiase yi mu akwammɔne so, na akyire yi ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdane bɔne akoa a, hedeɛ na tebea a ɔyam seesei he aseɛ koraa sene kane deɛ he.


Afei Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hontie mfantoho foforɔ yi, afuowura bi yɔɔ bobe turo, too bane faa ho, tuu mu nsa-kyi-amena, na osii abane tentene. Na ɔde hyɛɛ nhwɛsofoɔ nsa firii hɔ kɔɔ mane foforɔ so.


Yesu too n’ani, na ohuu brɔdoma dua bi a ahahane ya so sɛ ɔya akyirikyiri; na ɔkɔ kɔhwɛɛ sɛ ebia aduaba bi ya so a. Oduruu ho he, wanhu hwee, gye ahahane nkoaa, efiri sɛ na berɛ a borɔdoma so nya nnuruiɛ.


Afei bɛbaa Yerusalem. Na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ na ɔhyɛɛ aseɛ pamoo bɛ a bɛɛtɔno ne bɛ a bɛɛtɔ nnoɔma asɔrefie hɔ, na ɔdanee sika sesafoɔ apono, ɔne bɛ a bɛtɔno mmorɔnoma he nkonnwa butubutuiɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite