33 sɛ, “Honhwɛ, yɛɛkɔ Yerusalem, na bɛde Nipa Ba he bɛhyɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he nsa, na bebebua no kumfɔ; na afei bɛde no ahyɛ Amanamane mufoɔ nsa;
Afei Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he fa amanehunu pii mu, na mpanyimfoɔ, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no na beku no, na nnansa akyi he wasɔre bio.
Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ ɔsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na okohu amane, mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ nsam na beku no, na ne nnansa so he ɔsɔre.
Na osiane sɛ bɛ a bɛtete Yerusalem ne bɛ sodifoɔ he anhu no na bɛante adiyifoɔ he nsɛm a bɛkenkanee no Homeda biaa he ase nti, bebuu no fɔ maa adiyifoɔ he nsɛm he baa mu.
Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.
na ɔkaa sɛ, “Otwa sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ pii na mpanyimfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no, na beku no, na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he Nyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu.”
Na afei, adeɛ kyee anɔpa tutuutu he, asɔfoɔ mpayimfoɔ, mane he mu mpanyimfoɔ, atwerɛfoɔ ne abadwafoɔ he nyinaa tuu agyina. Bɛkyekyeree Yesu de no kɔeɛ na bɛde no kɔhyɛɛ Pilato nsa.
Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Elia bedi kane aba ampa abɛtoto nnoɔma nyinaa; na ɔyɛɛ dɛ ne bɛatwerɛ Nipa Ba he ho asɛm sɛ, otwa sɛ ohu amane pii na bebu no animtia?