Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 10:24 - Apam Foforɔ

24 Na nsɛm yi haa asuafoɔ he adwene. Nso Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mmɔfra, honhwɛ dene a ɔyɛ sɛ bi bɛkɔ Nyankopɔn ahennie he mu!

Gade chapit la Kopi




Marko 10:24
28 Referans Kwoze  

Woka sɛ, ‘Meyɛ defoɔ na maanya me ho, na mewɔ nea ohia me nyinaa.’ Nso wonnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ hiani. Woda adagya, na w’ani nso afira.


Nnipa a bɛanya bɛ ho wiase yi mu he, hyɛ bɛ sɛ mma bɛnnwene akokurokosɛm, saa nso ne bɛmmfa bɛ ho nto ahonyadeɛ a onni hɔ daa so, na mmom bɛmfa bɛ ho nto Nyankopɔn a ɔma yɛ nea yɛpɛ nyinaa ma ɔdɔɔso he so.


Afei nso Farisifoɔ a bɛyɛ sikaniberɛ he tee yeinom nyinaa, na befirii aseɛ tweetwee no.


Me mma nkumaa, meetwerɛ yei abra ho na aboa ho ama hoanyɔ bɔne; na sɛ bi yɔ bɔne a, yɛwɔ kamafoɔ bi ya Agya he nkyɛne, ɔno ne Yesu Kristo teneneeni he.


Mma nkumaa, mene ho ya hɔ mmerɛ tiaa bi. Hobɛhwehwɛ me, na sɛnea maka akyerɛ Yudafoɔ he sɛ, ‘Baabi a meekɔ hontumi mma hɔ he, saa ne seesei meeka akyerɛ ho nso.’


Me mma nkumaa, hontwe ho ho mfiri ahonyini ho.


Mma nkumaa, hoyɛ Nyankopɔn deɛ, na hoadi bɛ so nkunim, efiri sɛ, deɛ ɔya ho mu he wɔ tumi sene deɛ ɔya wiase mu.


Me mma nkumaa a meko ho awoɔ bio sɛ ɔbɛyɛ a Kristo su bewie pɛyɛ ho mu,


Yesu bisaa bɛ sɛ, “Mma nkumaa, hoanya nam?” Na bebuaa sɛ, “Daabi.”


Nti berɛ a n’asuafoɔ he mu bebree tee yei he, bɛkaa sɛ, “Asɛm yi ano ɔdene, hwane ne betumi agye?”


Asuafoɔ he tee yei he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa kɛse, na bɛkaa sɛ “Sei ne ɔteɛ deɛ a, hwane ne betumi anya nkwa?”


Na yei yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ma bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ: “Abɛ di? Nkyerɛkyerɛ foforɔ a tumi yam! Ɔhyɛ ahonhom fi mpo na betie no.”


Na Yesu too n’ani hwɛɛ nnipa a na bɛya hɔ he, ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Hwɛ dene a ɔbɛyɛ ama adefoɔ sɛ bɛbɛkɔ Nyankopɔn ahennie he mu!”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite