Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 10:17 - Apam Foforɔ

17 Na osiim sɛ ɔɔkɔ baabi he, beema bi de mmirika bebuu nkotodwe n’anim, na obisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ pa, mmɛ ne menyɔ na manya daa nkwa?”

Gade chapit la Kopi




Marko 10:17
28 Referans Kwoze  

bɛ a bɛde ntoboaseɛ yɔ papa hwehwɛ animuonyam ne anidie ne nea ɔmporɔ he, ɔbɛma bɛ daa nkwa;


Afei, hwɛ, beema bi a onim Mmara he sɔree sɛ ɔɔsɔ no ahwɛ, na ɔkaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, abɛ paa ne sɛ meyɔ a, menya daa nkwa?”


Na ɔde bɛ baa abɔntene bisaa sɛ, “me wuranom, mennyɛ dɛ na manya daa nkwa?”


Na bɛteeɛ he, asɛm he wowɔɔ bɛ akoma mu, na bebisaa Petro ne Asomafoɔ a bɛaka he sɛ, “Anuanom, ɛɛne ne yɛnyɔ?”


Na afei mede ho hyɛ Nyankopɔn ne asɛm a ɔfa n’adom he ho, asɛm a obetumi ahyɛ ho dene na ama hoanya agyapadeɛ bɛ a bɛate bɛ ho nyinaa mu.


Sɔre kɔ kuro he mu na bɛbɛka nea ɔsɛ sɛ woyɔ akyerɛ wo.”


Na hene he bɛka akyerɛ bɛ a bɛya ne nifa so he sɛ, ‘Hommra, ho a m’Agya ahyira ho, hommɛfa ahennie a bɛasiesie ama ho firi wiase mfitiaseɛ he nni;


Berɛ a bɛbaa nnipadɔm he nkyɛne he, beema bi baa ne nkyɛne bebuu nkotodwe n’anim,


Na m’Agya apɛdeɛ ne sɛ biaa a ohu Ba he na ɔgye no di he benya daa nkwa, na menyane no da a odi akyi he.”


“Hohwehwɛ twerɛsɛm he mu, efiri sɛ hogye di sɛ ɔno ne bɛma ho nkwa, na ɔnoaa nso ne di me ho adanseɛ.


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Na bɛba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woka nɔkorɛ, na wonyɛ nyiyimu, efiri sɛ, wonhwɛ nnipa anim mmu ntɛnkyea, na mmom wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorem. Ɔyɛ sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa ɔnyɛ?


Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi abom de mmirika ɔɔba he, ɔkaa honhom he anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo honhom a womma abeemaa yi ntumi nkasa, na ɔnte asɛm, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu firi kɔ, na mankɔhyɛ ne mu bio.”


Kwatani bi baa ne nkyɛne bebuu nkotodwe srɛɛ no sɛ, “Sɛ wopɛ a, wobetumi ama me ho afiri.”


Nti befirii damena he so ntɛmaa de suro ne anigye kɛseɛ tutuu mmirika sɛ bɛɛkɔka akyerɛ n’asuafoɔ he.


Na yei ne wahyɛ yɛ ho bɔ he, nkwa a onni awieeɛ he.


Na bɔne akatua a ne wuo, nso Nyankopɔn adom akyɛdeɛ ne daa nkwa a ɔya Awurade Kristo Yesu mu.


Yesu bisaa no sɛ, “Ɛɛne nti ne wofrɛ me papa? Biaa nyɛ papa, gye Nyankopɔn nkoaa.


na ama hoanya nteaseɛ, na hoahu anidasoɔ a ɔfrɛɛ ho baa mu he, nnoɔma a ɔyɛ ma n’animuonyam agyapadeɛ ahonyadeɛ ahoteefoɔ he mu,


sɛdeɛ ɔbɛyɛ a, yɛnam n’adom so benya bembuo na yɛabɛyɛ adedifoɔ daa nkwa anidasoɔ he mu.


Nti abɔfoɔ nyinaa nyɛ honhom a bɛsom Nyankopɔn a wasoma bɛ sɛ bɛnsom nkwagyeɛ diadefoɔ anaa?


ne agyapadeɛ a ɔmporɔ a ho nni dɛm, na ɔmpa a bɛde asie soro ama ho.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite