14 Afei Yesu huiɛ he, n’ani annye ho, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma mmɔfra he mmara me nkyɛne; honnsi bɛ kwane; na bɛ a bɛte sei ne Nyankopɔn ahennie he yɛ bɛ dea.
efiri sɛ ɔnam baa gyidini he so bɛma ne kunu a ɔnnye nni he abɛyɛ gyidini, na yerɛ a ɔnnye nni he nso abɛyɛ gyidini, ɔnam ne kunu a ɔgye di he nti. Sɛ ɔnte saa, nka ho mma he yɛ annyeanniefoɔ mma, nso, nɔkwasɛm ne sɛ Nyankopɔn agye bɛ.
Afei sɛ dua aba a odi kane a bɛde bɔɔ afɔdeɛ he yɛ kronkron a, aba mu he nyinaa nso yɛ kronkron; na sɛ ne nhini he yɛ kronkron a, ne mmane he nso nyinaa bɛyɛ kronkron.
Hoyɛ adiyifoɔ he ne apam a Nyankopɔn ne ho agyanom pameeɛ he mma, sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so ne bɛbɛfa ahyira asaase so mmusua nyinaa he.’
Na ɔde abufuo hwɛɛ bɛ nyinaa hyiaeɛ; na ne werɛ hoeɛ bɛ akoma dene he nti, na ɔka kyerɛɛ beema he sɛ, “Tene wo nsa.” Ɔteneeɛ, na ahoɔdene baa ne nsa he mu bio.