Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 10:1 - Apam Foforɔ

1 Afei Yesu firii saa bea hɔ kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi. Na nnipadɔm pii betwaa ne ho hyiaa bio; na sɛdeɛ na ɔtaa yɔ he, ɔkyerɛkyerɛeɛ.

Gade chapit la Kopi




Marko 10:1
17 Referans Kwoze  

Nti osiim bio kotwaa Yordan kɔɔ baabi a na kane he Yohane bɔ asu he, na ɔtenaa hɔ.


Ɔhyɛɛ aseɛ de mfantoho kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma pii, ne nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,


Na ɔno akyi he ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Homma yɛnkɔ Yudea bio.”


Ɔɔkɔ po he ano he, ohuu nnipadɔm kɛseɛ bi, na onyaa tema maa bɛ, efiri sɛ, ná bɛte sɛ nwane a benni hwɛfoɔ, na ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma bebree.


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Yesu buaa sɛ, “Me deɛ makasa akyerɛ wiase badwam; mekyerɛkyerɛɛ hyia adane ne asɔredane mu daa, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia he. Menkaa bibiaa kokoam.


Na ɔyɛɛ no nwanwa sɛ bɛannye anni. Na okyinkyini nkuraase kyerɛkyerɛeɛ.


Yesu firii adi kɔɔ po he ho bio; dɔm he nyinaa betwaa ne ho hyiaeɛ, na ɔkyerɛkyerɛɛ bɛ.


Afei, Yesu bisaa nnipadɔm he sɛ, “Hode sekane ne mmaa ne ɔɔbɛkye me, te sɛ nea meyɛ korɔmfoɔ? Da biaa mete asɔredane mu kyerɛkyerɛ he, hoankye me.


Na bekoduru Kapernaum kurom. Na homeda duruiɛ he, ntɛmaa Yesu kɔɔ hyiadane he mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.


Homeda he, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ hyiadane mu, na dodoɔ a bɛtee ne nkyerɛkyerɛɛ he nyinaa ho dwirii bɛ. Bebisaa sɛ, “Hefa ne beema yi nyaa yeinom nyinaa? Mmɛ nyansa ne bɛde ama no yi? Mmɛ tumi-nnwuma ne ne nsa ɔɔyɔ yi!


Farisifoɔ bi baeɛ, na bebisa de sɔɔ ne hwɛeɛ sɛ, “Mmara ma kwane sɛ beema bi gyae ne yerɛ?”


Berɛ a Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ asɔredane mu hɔ he, obisaa sɛ, “Mmɛ nti ne atwerɛfoɔ he kaa sɛ Kristo he yɛ Dawid ba?


Daa na me ne ho ya asɔrefie a meekyerɛkyerɛ, nso hoankye me. Nso aaba saa sɛ ɔbɛyɛ a twerɛsɛm he bɛbam.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite