Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:44 - Apam Foforɔ

44 ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka hwee ankyerɛ biaa, na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na tua w’ahofire aboadeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”

Gade chapit la Kopi




Marko 1:44
9 Referans Kwoze  

Na ohuu bɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na homfa ho ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ he.” Na berɛ a bɛɛkɔ he bɛ ho firiiɛ.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”


Nnoɔma yeinom nyinaa too bɛ sɛ ɔbɛyɛ nhwɛsodeɛ, na bɛatwerɛ sɛ ɔbɛyɛ kɔkɔbɔ ama yɛ, yɛ a yɛya awieeɛ berɛ mu yi.


Efiri sɛ nea bɛtwerɛɛ no kane nna he mu he bɛtwerɛɛ sɛ ɔnyɛ nkyerɛkyerɛ mma yɛ, sɛnea ɔbɛyɛ a ɔnam twerɛsɛm he so bɛma yɛ boasetɔ ne awerekyekyerɛ ama yɛaya anidasoɔ.


Afei ɔhyɛɛ beema he sɛ ɔnnka nkyerɛ biaa. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ sɛnea Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adanseɛ mma bɛ.”


Na ogyaa no kwane ntɛm so braa no keteee


Na safohene he gyaa abranteɛ he kwane na ɔhyɛɛ no sɛ, “Nka nkyerɛ biaa sɛ woayi me asɛm yi ho asotire.”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite