38 Obuaa sɛ, “Homma yɛnkɔ nkuro a ɔbembɛne yi mu na menkɔka asɛmpa he hɔ nso; na ɔno ne adwuma a mebaa sɛ meebɛyɔ.”
Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Ɔsɛ sɛ mekɔ nkuro foforɔ mu nso kɔka Nyankopɔn ahennie he ho asɛmpa he, efiri sɛ yei nti ne bɛsomaa me.”
efiri sɛ nsɛm a wode maa me he mede ama bɛ; na bɛ nso bɛagye; na bɛahu ampa sɛ, mefiri wo nkyɛne ne baeɛ, na bɛagye adi sɛ wone wosomaa me.
Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɔ he de ahyɛ wo animuonyam asaase so.
Mefiri Agya he nkyɛne ne aba wiase. Afei deɛ meefiri wiase akɔ Agya he nkyɛne.”
Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne ɔsɛ sɛ hokyini hwehwɛ me? Nti honnim sɛ otwa sɛ metena m’Agya fie anaa?”
Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.
Behuu no he, bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Biaa ɔɔhwehwɛ wo.”
Na ɔkɔɔ Galilea nyinaa kɔkaa asɛmpa he ya bɛ hyiadane ahodoɔ mu, na otutuu ahonhommɔne.