Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:35 - Apam Foforɔ

35 Anɔpa a animu nteteeɛ he, Yesu sɔre kɔhyɛɛ kokoam baabi, na ɔbɔɔ mpaeɛ hɔ.

Gade chapit la Kopi




Marko 1:35
15 Referans Kwoze  

Saa nna he mu he Yesu kɔɔ bepɔ so kɔbɔɔ mpaeɛ, na ɔbɔɔ mpaeɛ anadwo mũ he nyinaa.


Homfa mpaebɔ ne nkotosrɛ nyinaa mmɔ mpaeɛ mmerɛ nyinaa Honhom mu. Afei nso, homma ho ani nna hɔ na honkɔ so nsrɛ mma ahoteefoɔ nyinaa.


Nso, ɔtwee ne ho kɔhyɛɛ serɛ so baabi kɔbɔɔ mpaeɛ.


Berɛ a Yesu ya honam mu he, ɔde nteamu ne nisuo ne nkotosrɛ mpaebɔ kɔɔ deɛ obetumi agye no afiri wuom he anim, na ne nyamesuro nti otiee no.


Afei berɛ a Yesu huu sɛ bɛpɛ sɛ bɛkye no si no hene he, ɔno ankasa twee ne ho kɔɔ bepɔ he so bio.


Na ogyaa bɛ kwane wieeɛ he, ɔkɔɔ bepɔ he so kɔbɔɔ mpaeɛ. Nnwunu dwoeɛ he, na ɔno nkoaa ne ya hɔ.


Honnya adwene a ɔya Kristo Yesu mu heaa bi;


Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “M’aduane ne sɛ mɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na mawie n’adwuma.


Afei berɛ a Yesu teeɛ he, ɔtenaa kodoɔ mu firii nnipadɔm he nkyɛne kɔɔ baabi a biaa nni. Nso nnipadɔm he teeɛ he, befirii nkuro so nam fam tii no.


Na Simon ne ne nnamfonom tii no.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite