Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:27 - Apam Foforɔ

27 Na yei yɛɛ bɛ nyinaa ahodwiri ma bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ: “Abɛ di? Nkyerɛkyerɛ foforɔ a tumi yam! Ɔhyɛ ahonhom fi mpo na betie no.”

Gade chapit la Kopi




Marko 1:27
15 Referans Kwoze  

Afei Yesu frɛɛ dummienu he nyinaa maa bɛ ahoɔdene ne tumi a bɛde betutu ahonhommɔne nyinaa na bɛde bɛsa yadeɛ nso.


Ɔyɛɛ bɛ nwanwa boro so na bɛkaa sɛ, “Waayɔ nnoɔma nyinaa yie, ɔma deɛ n’aso asi mpo te asɛm na mum nso kasa.”


na ɔyɛɛ nnipadɔm he nwanwa berɛ a behuu nea na ɔyɛ mmum he sɛ ɔɔkasa, bɛ a na bɛyɛ mpakye ne mmubuafoɔ sɛ bɛnnante, na nea na ɔyɛ anifirani he huu sɛ afie deɛ ohu adeɛ. Na bɛhyɛɛ Israel Nyankopɔn he animuonyam.


Na berɛ a otuu honhommɔne he, mum he kasaeɛ; na nnipadɔm he ho dwirii bɛ, na bɛkaa sɛ, “Biaa nhuu bibiaa a ɔte sei Israel da.”


Yei yɛɛ bɛ nyinaa nwanwa, na bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Ei! Abɛ asɛm di? Ɔde tumi ne ahoɔdene hyɛ ahonhom fĩ ma befiri adi!”


Na bɛnam kwantempɔno he so ɔɔkɔ Yerusalem, na Yesu adi bɛ anim kane; ɔyɛɛ bɛ nwanwa, na bɛ a bedi akyire he suroeɛ. Ɔde dummienu he kɔɔ nkyɛne bio, na ɔhyɛɛ aseɛ kaa nea ɔbɛto no,


Na nsɛm yi haa asuafoɔ he adwene. Nso Yesu ka kyerɛɛ bɛ bio sɛ, “Mmɔfra, honhwɛ dene a ɔyɛ sɛ bi bɛkɔ Nyankopɔn ahennie he mu!


Na me nso meyɛ bi a me di tumi a asraafoɔ hyɛ m’ase; sɛ meka kyerɛ baako sɛ, “Kɔ a ɔkɔ,” na meka kyerɛ foforɔ nso sɛ, “Bra,” a ɔba, na mehyɛ m’akoa so sɛ, “Yɔ yei” a, ɔyɔ.”


Na honhom fi he maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam, na ofirii ne mu kɔeɛ.


Na ne ho asɛm firii hɔ trɛɛ ntɛm kɔɔ nsaase a atwa Galilea ho ahyia nyinaa so.


Beewura nna he mu he, behuu abeemaa bi a ɔhyɛ ataadeɛ tentene fitaa te nifa so hɔ, na bɛ akoma tuiɛ.


Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommma ho akoma ntu, hoohwehwɛ Nasareni Yesu nea bɛbɔɔ no asennua mu he. Wanyane, na onni ha. Hwɛ, baabi a bɛde no toeɛ.


Nti bɛkyee no de no kɔɔ Areopago asennibea bisaa no sɛ, “Wobetumi ama yɛahu nkyerɛkyerɛ foforɔ a wookyerɛkyerɛ yi mu?


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite