Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:25 - Apam Foforɔ

25 Na Yesu teateaa no kaa sɛ, “Ka wo ano tom, na firi ne mu kɔ!”

Gade chapit la Kopi




Marko 1:25
10 Referans Kwoze  

Na ɔsaa nnipa bebree a bɛyare nyarewa ahodoɔ yadeɛ, na otutuu ahonhommɔne pii; na wamma ahonhommɔne he kwane amma bɛnkasa, efiri sɛ na benim no.


Na odii yɛ ne Paulo akyi teateaam sɛ, “Nnipa yi yɛ Sorosoro Nyankopɔn nkoa a bɛɛpae mu aka nkwagyekwane ho asɛm akyerɛ ho.”


Na ahonhommɔne nso firii bɛ mu pii mu teateam sɛ, “Wone Nyankopɔn Ba he.” Nso, ɔkaa bɛ anim, na wamma bɛ kwane sɛ bɛnkasa, efiri sɛ na benim no sɛ ɔno ne Kristo he.


Berɛ a Yesu huu sɛ nnipadɔm bi abom de mmirika ɔɔba he, ɔkaa honhom he anim, ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo honhom a womma abeemaa yi ntumi nkasa, na ɔnte asɛm, mehyɛ wo sɛ, firi ne mu firi kɔ, na mankɔhyɛ ne mu bio.”


Yesu kaa n’anim hyɛɛ no sɛ, “Yɛ komm, na firi ne mu kɔ!” Nti honhommɔne he maa beema he twa hwee bɛ mfimfini, na ofirii ne mu kɔeɛ a wanyɔ beema he hwee.


Na bɛ ani biebieɛ. Afei Yesu bɔɔ bɛ kɔkɔ dendenndene sɛ, “Honhwɛ na biaa ante yei.”


na ɔteaam sɛ, “Ɛɛne ne yɛne wo wɔ yɔ, Nasareni Yesu? Wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ anaa? Menim wo, Nyankopɔn Kronkronni.”


Na honhom fi he maa no senseneeɛ, na ɔde nne kɛseɛ teaam, na ofirii ne mu kɔeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite