Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:24 - Apam Foforɔ

24 na ɔteaam sɛ, “Ɛɛne ne yɛne wo wɔ yɔ, Nasareni Yesu? Wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ anaa? Menim wo, Nyankopɔn Kronkronni.”

Gade chapit la Kopi




Marko 1:24
25 Referans Kwoze  

Amonom hɔaa bɛteateam sɛ, Mmɛ ne wo ne yɛ wɔ yɔ, Nyankopɔn Ba? Woaba ha sɛ wobɛha yɛ ansa na mmerɛ he aduru anaa?


Wogyidi sɛ Nyankopɔn yɛ baako; woyɛ no yie. Mpo ahonhommɔne nso gye saa di, na bɛ ho popo.


“Aa! Nha yɛ adwene! Nasareni Yesu, mmɛ ne yɛ ne wo wɔ yɔ? Nti wobaa sɛ woobɛsɛe yɛ? Menim onii ko a woyɛ ankasa, wone Kronkronni a ofiri Nyankopɔn hɔ he.”


Na hopoo Kronkronni ne Hoteeni he, na hosrɛɛ sɛ bennyae wudini he ma ɔnkɔ.


“Twerɛ krataa kɔma Filadelfia asafo he mu bɔfoɔ he sɛ: Yei ne asɛm a ofiri nea ɔyɛ kronkron, a ɔyɛ nɔkwafoɔ a okita Dawid safoa a sɛ obie a, bi ntumi nto mu, na ɔto mu nso a, bi ntumi mmie, he nkyɛne.


efiri sɛ wonnya me kra Asamando, na womma wo Kronkronni he nipadua mporɔ.


Ohuu Yesu he, ɔteaam dendenndene hwee n’anim de nne kɛseɛ kaa sɛ. “Ɛɛne ne me ne wo wɔ yɔ, Yesu, Sorosoroni Nyankopɔn he Ba? Mesrɛ wo, nha me!”


na ɔteaam kɛse sɛ, “Abɛ ne wo ne me wɔ yɔ, Yesu, Sorosoro Nyankopɔn Ba? Mede Nyankopɔn dini srɛ wo, nha me.”


Na yɛagye adi, na yɛahu sɛ wone Kronkronni a wofiri Nyankopɔn hɔ he.”


Afei bɔfoɔ he buaa no sɛ, “Honhom Kronkron bɛba wo so, na Sorosoroni he tumi bɛkata wo so. Yei nti ne bɛbɛfrɛ nea wobɛwo no he Kronkron, Nyankopɔn Ba.


Yɛahu beema yi sɛ busuyefoɔ a otutu gu Yudafoɔ nyinaa asom ma bɛte atua asaase nyinaa so, na ɔyɛ Nasarefoɔ kuo he mu panyini.


Na Herode ne Pontio Pilato ne amanamane mufoɔ ne Israelfoɔ ka boom tiaa w’akoa kronkron Yesu a woasra no


Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ asɛm ne asi?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nea ɔfa Nasareni Yesu, a ɔyɛ diyifoɔ a ɔwɔ tumi, nnwuma ne kasa mu, Nyankopɔn ne mane he nyinaa anim he ho he,


Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.”


Nti nnipadɔm a befiri Gerasefoɔ nsaase a atwa hɔ ahyia he nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ omfiri bɛ nkyɛne nkɔ, efiri sɛ na hu kɛseɛ aka bɛ. Afei ɔtenaa kodoɔ he mu siim sɛ ɔɔkɔ.


Saa berɛ heaa na beema bi a ɔwɔ honhom fi ya hyiadane he mu,


Na Yesu teateaa no kaa sɛ, “Ka wo ano tom, na firi ne mu kɔ!”


Na ɔtee sɛ ɔyɛ Yesu Nasareni he ne ootwam he, ɔhyɛɛ aseɛ teaam kaa sɛ, “Yesu, Dawid ba, hu me mmɔbɔ!”


Na ohuu Petro sɛ ɔɔto gya he, ɔhwɛɛ no gyee kaa sɛ, “Wo nso na woka Nasareni Yesu he ho.”


Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommma ho akoma ntu, hoohwehwɛ Nasareni Yesu nea bɛbɔɔ no asennua mu he. Wanyane, na onni ha. Hwɛ, baabi a bɛde no toeɛ.


Na ho deɛ, hoanya ngosra firi Kronkronni he hɔ, nti ho nyinaa howɔ nimdeɛ.


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite