Biblia Todo Logo
Bib sou entènèt

- Piblisite -




Marko 1:21 - Apam Foforɔ

21 Na bekoduru Kapernaum kurom. Na homeda duruiɛ he, ntɛmaa Yesu kɔɔ hyiadane he mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

Gade chapit la Kopi




Marko 1:21
18 Referans Kwoze  

Homeda he, ɔhyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ hyiadane mu, na dodoɔ a bɛtee ne nkyerɛkyerɛɛ he nyinaa ho dwirii bɛ. Bebisaa sɛ, “Hefa ne beema yi nyaa yeinom nyinaa? Mmɛ nyansa ne bɛde ama no yi? Mmɛ tumi-nnwuma ne ne nsa ɔɔyɔ yi!


Na ɔkɔɔ Galilea nyinaa kɔkaa asɛmpa he ya bɛ hyiadane ahodoɔ mu, na otutuu ahonhommɔne.


Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.


Na sɛnea Paulo taa yɛ he, ɔkɔɔ bɛ nkyɛne, na ɔde homeda mmeɛnsa ne bɛ susuu twerɛsɛm he ho,


Nso, homeda biaa, na ɔka asɛm hyiadane mu ma Yudafoɔ ne Helafoɔ gye di.


Ofirii Nasaret na ɔkɔtenaa Kapernaum po he ho, Sebulon ne Naftali, mpɔtamu,


Afei na Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ hyia adane he baako mu homeda bi.


Na wo Kapernaum, bɛbɛma wo so akɔ soro anaa? Daabi! Asamando ne wobɛsiane akɔ!


Na ɔkɔɔ Nasaret, baabi a bɛtetee no he; na sɛnea ɔtaa yɔ homeda he, ɔkɔɔ hyiadane mu, na ɔsɔre gyinaa hɔ sɛ ɔɔbɛkenkane,


Afei Yesu firii saa bea hɔ kɔɔ Yudea mpɔtamu hɔ Yordan akyi. Na nnipadɔm pii betwaa ne ho hyiaa bio; na sɛdeɛ na ɔtaa yɔ he, ɔkyerɛkyerɛeɛ.


Na nna bi akyi he, Yesu sane kɔɔ Kapernaum; na benyaa nkra sɛ ɔya fie.


Amonom hɔaa, ɔfrɛɛ bɛ, na begyaa bɛ papa Sebedeo ne apaafoɔ he ne kodoɔ he hɔ bedii n’akyi.


Na befirii hyiadane he muaa pɛ, bɛ ne Yakobo ne Yohane kɔɔ Simon ne Andreo fie.


Na kuro mũ he nyinaa behyiaa pono he ano.


Na afei, Yesu kɔɔ hyiadane he mu, na beema bi ya hɔ a na ne nsa adwodwo.


Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ampa hobebu me bɛ yi sɛ, ‘Yaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ, yɔ nnoɔma a yɛtee sɛ ɔkɔɔ so Kapernaum he bi woaa wo kurom ha nso.’ ”


Swiv nou:

Piblisite


Piblisite